Luka 11

Awurade mpaebɔ 1 Na ɛbaa sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ na ɔgyaeeɛ no, n’asuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no. 2 Na ɔsee wɔn sɛ:Mobɔ mpaeɛ a, monka sɛ: Agya, wo din ho nte, w’ahennie mmra. 3 Ma yɛn yɛn daa aduane daa! 4 […]

Luka 12

Nyaatwom ho kɔkɔbɔ 1 Berɛ no mu ara a nkurɔfokuo mpempem aboaboa wɔn ano na mpo wɔtiatia wɔn ho soɔ no, ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no kane sɛ:Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔka a ɛne nyaatwom no ho! 2 Na biribiara nni hɔ a ɛso akata a wɔrenyi soɔ, anaa ahunta a wɔrenhunu. 3 […]

Luka 13

Asotwe ho asɛnka 1 Saa berɛ no ara na nnipa bi a wɔwɔ hɔ kaa Galileafoɔ a Pilato de wɔn mogya frafraa wɔn afɔdeɛ mu ho asɛm kyerɛɛ no. 2 Na ɔbua see wɔn sɛ:Mosusu sɛ Galileafoɔ yi hunuu saa amaneɛ yi nti na wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ sene Galileafoɔ nyinaa? 3 Mese mo sɛ: Ɛnte saa, […]

Luka 14

Yesu sa obi a ɔyare sasaborɔ yadeɛ homeda 1 Na ɛbaa sɛ homeda bi, ɔkɔɔ Farisifoɔ panin bi fie no, na wɔretɛ no. 2 Na hwɛ, na onipa bi wɔ n’anim a ɔyare sasaborɔ. 3 Na Yesu see mmarakyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaasɛ wɔnsa? 4 Na wɔyɛɛ […]

Luka 15

Odwan a wayera no 1 Na togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ no nyinaa twi bɛnee no sɛ wɔrebɛtie no. 2 Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi. 3 Enti ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ: 4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nnwanten ɔha na wɔn mu baako kɔyera […]

Luka 16

Efiepanin oniteɛfoɔ no 1 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ:Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ. 2 Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio. 3 Na efiepanin no kaa ne tirim […]

Luka 17

Suntiduatoɔ 1 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:Ɛdane sɛ deɛn ara a, suntiduatoɔ bɛba deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue! 2 Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ayuyammoɔ kyekyere ne kɔn mu kɔto no twene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua. Bɔne fakyɛ 3 Monhwɛ mo ho yie! […]

Luka 18

Ɔtemmufoɔ a ɔntene no 1 Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho: 2 Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a ɔnsuro Onyankopɔn, nanso ɔmfɛre nnipa. 3 Na okunafoɔ bi nso tenaa kuro no mu, na ɔbaa ne nkyɛn sɛ: Bu atɛn gye me me tamfo […]

Luka 19

Yesu ne Sakeo 1 Na Yesu kɔhyɛnee Yeriko sɛ ɔretwam. 2 Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo a ɔyɛ togyeni panin na ɔyɛ ɔdefoɔ. 3 Na ɔrehwehwɛ Yesu ahunu ne nipaban, nanso nkurɔfokuo no nti ɔntumi, ɛfiri sɛ ɔyɛ akwatia. 4 Na ɔtutuu mmirika dii kan kɔforoo akyee dua bi sɛ […]

Luka 20

Ɔman mpanimfoɔ no animguaseɛ 1 Na ɛbaa sɛ da koro bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefie, na ɔreka asɛmpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne so, 2 na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Ka tumi ko a wode yɛ nnoɔma yi kyerɛ yɛn, anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi yi? 3 […]