Hesekiel 47

Asɔrefie no mu asutire 1 Ɛnna ɔde me sane baa asɔredan no pono ano, na hwɛ, nsuo firi asɔredan no aponnwa ase resene kɔ apueeɛ fam, (na asɔredan no anim hwɛ apueeɛ), na nsuo no resiane wɔ aseɛ, asɔredan no nifa so, afɔrebukyia no anafoɔ fam. 2 Na ɔde me nam atifi fam ponkɛseɛ no […]

Hesekiel 1

Nyankopɔn animuonyam adiyie 1 Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, na ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu. 2 Bosome no da a ɛtɔ so nnum, (Ɔhene Yoiakin tukorɔ afe a ɛtɔ so […]

Hesekiel 2

Odiyifoɔ no frɛ 1 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, sɔre gyina wo nan so, na me ne wo nkasa. 2 Na ɔrekasa akyerɛ me no, honhom bi baa me mu, na ɛmaa me so gyinaa me nan so, na metiee deɛ ɔne me kaeɛ no. 3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, […]

Hesekiel 4

Wɔtua Yerusalem 1 Na wo onipa ba, fa ntaayaa to w’anim, na kurukyire so kuro a ɛne Yerusalem, 2 na ka no hyɛ mu, na to aban wɔ ho, na bɔ ho pie, na kyere ho nsraban hyia, na fa ɔfasuobuo afidie sisi ho hyia. 3 Na wo nso, fa dadeɛ ayowa, na fa yɛ […]

Hesekiel 6

Onyankopɔn bu asase ne ɔman no atɛn 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Israel mmepɔ, na hyɛ nkɔm tia wɔn, 3 na ka sɛ: Mo Israel mmepɔ, montie Awurade NYANKOPƆN asɛm: Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, nsubɔnhwa ne mmonhwa nie: Hwɛ mede nkrantɛ mereba […]

Hesekiel 7

Onyankopɔn bu asase ne aman no atɛn 1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Wo onipa ba, sɛ Awurade NYANKOPƆN ka kyerɛɛ Israel asase nie: Awieeɛ! awieeɛ na ɛreba asase no ntwea nnan soɔ. 3 Afei awieeɛ reba wo so, na mɛsoma m’abufuo aba wo so, na mabu wo w’akwan ho ntɛn, na […]

Hesekiel 9

Yerusalem di nkoguo 1 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu guu m’aso mu sɛ: Ma kuro no so ahwɛfoɔ ntwe mpini, na obiara mfa n’akodeɛ a ɔde sɛe adeɛ nkura ne nsam. 2 Na hwɛ, mmarima baasia firi atifi ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam kwan no so reba, wɔn kɔdiawuo nnadeɛ kurakura wɔn nsam, na […]