Luka 14

Yesu sa obi a ɔyare sasaborɔ yadeɛ homeda

1 Na ɛbaa sɛ homeda bi, ɔkɔɔ Farisifoɔ panin bi fie no, na wɔretɛ no.

2 Na hwɛ, na onipa bi wɔ n’anim a ɔyare sasaborɔ.

3 Na Yesu see mmarakyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaasɛ wɔnsa?

4 Na wɔyɛɛ komm. Na ɔfaa no saa no yadeɛ, na ɔmaa no kɔe.

5 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Mo mu hwan afunumu anaa nantwie na ɔkɔtɔ abura mu a, ɔrenkɔtwe no ntɛmntɛm homeda?

6 Na wɔantumi ammua no yeinom ho bi bio.

Ahobrɛaseɛ

7 Na ɔde n’ani karii wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn adidie no sɛdeɛ wɔpa mu yi mpanimfoɔ tenaberɛ no, ɔbuu wɔn bɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

8 Sɛ obi to nsa frɛ wo ayeforɔ ase a, nkɔtena mpanimfoɔ tenaberɛ! Ebia wɔato nsa afrɛ deɛ n’anim yɛ nyam sene woɔ.

9 Na deɛ ɔtoo nsa frɛɛ wo ne no no ba a, ɔbɛka akyerɛ wo sɛ: Ma oyi kwan! Na ɛno na wode aniwuo bɛfiri aseɛ akɔfa akyire tenaberɛ.

10 Na sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena akyire tenaberɛ! Na deɛ ɔtoo nsa frɛɛ woɔ no ba a, waka akyerɛ wo sɛ: Damfo, twi kɔ soro nohoa! Ɛno na wobɛnya anidie wɔn a wɔne wo te adidiiɛ no anim.

11 Na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase; na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.

Ahiafoɔ adidifrɛ

12 Na ɔsee deɛ ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: Sɛ woto pono awia anaa anwummerɛ a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafoɔ anaa afipamfoɔ adefoɔ! Na wɔn nso ammɛto nsa amfrɛ wo bi, na woannya so akatua.

13 Na woto pono a, frɛ ahiafoɔ, mmubuafoɔ, mpakye ne anifirafoɔ,

14 na woanya nhyira; ɛfiri sɛ wɔnni deɛ wɔde bɛtua wo so ka. Na ateneneefoɔ sɔreɛ mu na wɔbɛtua wo so ka.

Apontoɔ kɛseɛ no

15 Na wɔn a wɔne no te adidiiɛ no mu baako tee saa no, ɔsee no sɛ: Nhyira ne deɛ ɔbɛdidi Nyankopɔn ahennie mu!

16 Na Yesu see no sɛ: Onipa bi too pono kɛseɛ, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii.

17 Na adidi berɛ duruiɛ no, ɔsomaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: Mommra, na wɔasiesie nnoɔma awie.

18 Na wɔn nyinaa firi aseɛ kaa asɛnkorɔ yiyii wɔn ano. Deɛ ɔdi kan see no sɛ: Matɔ afuo, na ɛhia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu!

19 Na ɔfoforɔ se: Matɔ anantwie mpamho nnum, na merekɔsɔ wɔn mahwɛ; mesrɛ wo, yi me firi mu!

20 Na ɔfoforɔ se: Maware yere, enti merentumi memma.

21 Na akoa no ba bɛkaa nsɛm no kyerɛɛ ne wura. Ɛnna efiewura no bo fuiɛ, na ɔka kyerɛɛ n’akoa no sɛ: Firi adi ntɛm, kɔ kuro no mmɔntene so ne mmantɛmo, na kɔfa ahiafoɔ, mmubuafoɔ, anifirafoɔ ne mpakye bra!

22 Na akoa no se: Owura, mayɛ sɛdeɛ wohyɛeɛ no, nanso ɛfa da so wɔ hɔ.

23 Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ: Firi adi kɔ akwan so ne ban ho, na kɔhyɛ wɔn na wɔmmra, na me fie ha nyɛ ma.

24 Na mese mo sɛ: Nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no mu biara renka m’aduane no nhwɛ.

Kristo frɛ a ɔfrɛ nnipa

25 Na nkurɔfoɔ akuakuo pii ne no nam. Na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ:

26 Sɛ obi ba me nkyɛn, na ɔntane n’agya ne ne na ne ne yere ne ne mma ne ne nuammarimanom ne ne nuammaanom ne ɔno ara ne ho nso a, ɔntumi nyɛ me suani.

27 Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔntumi nyɛ me suani.

Nkontabuo

28 Na mo mu hwan na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentena ase mmu ho nkonta ansa, sɛ ɔwɔ deɛ ɔde bɛtumi awie?

29 Ebia wafiri aseɛ no, wantumi anwie a, wɔn a wɔhunu nyinaa bɛfiri aseɛ agoro ne ho

30 sɛ: Onipa yi firii aseɛ toe, na wantumi anwie.

31 Anaasɛ ɔhene bɛn na ɔne ɔhene bi rekɔko, na ɔntena ase nnwene ho kane, sɛ ɔbɛtumi de ɔpedu akɔhyia deɛ ɔde ɔpeduonu reba ne soɔ no?

32 Anyɛ saa a, ɔbaako no wɔ akyirikyiri no, ɔtu abɔfoɔ kɔsrɛ sɛ wɔmpata.

33 Saa ara nso na mo mu biara a ɔnnya deɛ ɔwɔ nyinaa hɔ ntumi nyɛ me suani.

34 Nkyene yɛ; nanso sɛ nkyene dɛ tu a, ɛdeɛn na sɛ wɔde to mu a ɛbɛma no ayɛ dɛ bio?

35 Ɛmfata fam anaa sumina so, na wɔto gu. Deɛ ɔwɔ aso bɛtie no, ma no ntie!

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

12 − three =