1 Ahemfo 1

Dawid mmerɛyɛ ne Adoniya ho asɛm 1 Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne ho anyɛ no hye. 2 Enti ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Ma yɛnhwehwɛ ababaa bi mmrɛ me wura ɔhene, na ɔmmɛgyina ɔhene anim nyɛ ne hwɛfoɔ, na ɔnna […]

1 Ahemfo 2

Dawid samanseɛ ne ne wuo 1 Afei Dawid nna bɛnee sɛ ɔbɛwuo no, ɔhyɛɛ ne ba Salomo sɛ: 2 Me deɛ, mereti nananom wɔ asamando: Enti yɛ den na yɛ ɔbarima; 3 na hwɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛ wobɛnante n’akwan so, sɛ wobɛdi n’ahyɛdeɛ, ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’adansesɛm soɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ […]

1 Ahemfo 3

Salomo bisa Awurade hɔ Nyansa 1 Na Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ awareɛ apam. Na ɔfaa Farao babaa waree, ɔde no baa Dawid kuro mu kɔsii sɛ ɔwiee ne dan ne AWURADE dan ne Yerusalem ho fasuo no toɔ. 2 Na ɔman no da so bɔ afɔdeɛ sorɔnsorɔmmea ara, ɛfiri sɛ na wɔnsii dan biara […]

1 Ahemfo 4

Salomo mpanimfoɔ 1 Na Ɔhene Salomo di Israel nyinaa so hene. 2 Na yeinom ne ne mmapɔmma: Sadok ba Ɔsɔfoɔ Asaria; 3 Sisa mma Elihoref na Ahia ne atwerɛfoɔ; Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefoɔ; 4 Yoiada ba Benaia di asraadɔm no so, na Sadok ne Abiatar di asɔfoɔ; 5 Natan ba Asaria di toɔ sohwɛfoɔ […]

1 Ahemfo 5

Asɔrefie sie ho ahoboaboa 1 Na Tirohene Hiram somaa ne nkoa maa wɔbaa Salomo nkyɛn, ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra no ngo asi no hene n’agya ananmu; ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa. 2 Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Hiram nkyɛn sɛ: 3 Wo ara wonim m’agya Dawid sɛ ɛdɔm a ɛtwaa ne ho hyiaeɛ […]

1 Ahemfo 7

Ahemfie no sie 1 Na Salomo no ara ne fie deɛ, mfeɛ dummiɛnsa ansa na ɔrewie efie no nyinaa sie. 2 Ɔsii Lebanon Kwaeɛ Dan no, basafa ɔha ne ne ntwemu, na basafa aduonum ne ne trɛ, na basafa aduasa ne ne korɔn; ɛwɔ ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, na ntweneduro adum kyerɛpɛn nnan so, […]

1 Ahemfo 8

Asɔrefie no dwira 1 Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba. 2 Na Israel mmarima nyinaa bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so […]

1 Ahemfo 9

Onyankopɔn yi ne ho adi kyerɛ Salomo bio 1 Na Salomo wiee AWURADE fie ne ahemfie no sie, ne deɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsie nyinaa yɛ no, 2 AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛdeɛ ɔyii ne ho kyerɛɛ no wɔ Gibeon no. 3 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ […]

1 Ahemfo 10

Sebahemmaa 1 Na Sebahemmaa tee Salomo nka a ɛfa AWURADE din ho, na ɔbaa sɛ ɔde nsɛm a emu yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ, 2 na ɔne ɛdɔm kɛseɛ de yoma a wɔsoso nnuhwam ne sika bebree pa ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Na ɔduruu Salomo nkyɛn no, ɔne no bɔɔ deɛ ɛwɔ n’akomam nyinaa […]