Akannifoɔ 12

Efraim di nkoguo 1 Na Efraim mmarima hyiae, na wɔtwa kɔɔ Safon, na wɔka kyerɛɛ Yefta sɛ: Adɛn nti na wotwaa mu kɔeɛ ne Amonfoɔ kɔkoeɛ, na yɛn deɛ, woamfrɛ yɛn na yɛne wo ankorɔ? Yɛde gya bɛhye wo fie agu wo so. 2 Na Yefta ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me ne me man nyinaa […]

Akannifoɔ 13

Samson awoɔ 1 Na Israelfoɔ kɔɔ so yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsa mfirinhyia aduanan. 2 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔfiri Sora a ɔfiri Danfoɔ abusua bi mu a ne din de Manoa; na ne yere yɛ obonini, na ɔnwo. 3 Na AWURADE bɔfoɔ yii […]

Akannifoɔ 1

Israel ne Kanaanfoɔ akodie wɔ Yosua wuo akyi 1 Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko? 2 Na AWURADE kaa sɛ: Yuda ntu, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa. 3 Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Ɛne me nkɔ me kyɛfa […]

Akannifoɔ 2

Ɔman no asoɔden ne Nyankopɔn abufuo 1 Na AWURADE bɔfoɔ firi Gilgal baa Bokim bɛkaa sɛ: Meyii mo firii Misraim na mede mo baa asase a mekaa ho ntam mekyerɛɛ mo agyanom no so, na mese: Meremmu me ne mo ntam apam no so da biara da. 2 Na mo nso, mo ne asase yi […]

Akannifoɔ 6

Gideon frɛ 1 Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfeɛ nson. 2 Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfoɔ yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔ mu ne abodan ne huntabea fae. 3 Na sɛ Israel nya gu nnoɔma a, na Midian ne Amalek […]

Akannifoɔ 8

Midianfoɔ so nkonimdie awieeɛ 1 Na Efraim mmarima ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee denden pa ara. 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn na afei mayɛ a ɛte sɛ mo deɛ? Efraim mpɛpɛdie nyɛ […]