Yona 1

Yona frɛ ne n’asoɔden 1 Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ: 2 Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na pae mu ma wɔnhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim. 3 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔredwane akɔ Tarsis afiri AWURADE anim, na ɔsiane kɔɔ Yopa, na ɔkɔhunuu ɛhyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; […]

Yona 2

Yona mpaebɔ ne ne nkwagyeɛ 1 Na Yona firi apataa no yam bɔɔ AWURADE ne Nyankopɔn mpaeɛ sɛ: 2 Mefiri m’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, na ɔtiee me; mefiri Asamando ebunu mu meteaa mu, na woate me nne. 3 Na wotoo me twenee ebunu mu, ɛpo akoma mu, na ɔhweamo twaa me ho hyiae; w’asorɔkyeɛ […]

Yona 3

Ahonu asɛnka wɔ Ninewe 1 Na AWURADE asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ: 2 Sɔre kɔ Ninewe kuro kɛseɛ no mu, na kɔpae asɛm a mereka makyerɛ woɔ no kyerɛ wɔn. 3 Ɛnna Yona sɔre nam AWURADE asɛm no soɔ sii mu kɔɔ Ninewe. Nso na Ninewe yɛ kuro kɛseɛ a nnansa na […]

Yona 4

Yona abufuo ne n’atenetene 1 Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fui. 2 Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, […]