Yakobo 1

Nkyea 1 Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no. Gyidie ne nyansa 2 Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu a, mommu no anigyeɛ koraa, 3 na monhunu sɛ mo gyidie no sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma. 4 Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ […]

Yakobo 2

Nyiyimu ho kɔkɔbɔ 1 Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ animuonyam wura no gyidie nnni afra. 2 Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atadeɛ fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atadeɛ tantan ba hɔ, 3 na mohwɛ deɛ ɔhyɛ atadeɛ fɛfɛ no, na moka […]

Yakobo 3

Ɔkasa mu ahosohwɛ 1 Me nuanom, mommma mo mu bebree nnyɛ akyerɛkyerɛfoɔ, na monim sɛ yɛbɛnya afobuo kɛseɛ mmom. 2 Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ. 3 Yɛde nnareka to […]

Yakobo 4

Wiase adamfofa 1 Ɛhe na akasakasa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fire? Ɛmfiri mo akɔnnɔ a ɛne mo honam akwaa ko no mu anaa? 2 Mo kɔn dɔ, na monnya. Modi awu na mo ani bere, na montumi nnuru ho. Moko na motu sa, nanso monnya, ɛfiri sɛ mommisa. 3 Mobisa na monnya, […]

Yakobo 5

Wiase adefoɔ ho kɔkɔbɔ 1 Na afei, mo adefoɔ e, mo amanehunu a ɛreba mo soɔ nti, monsu na mommɔ bena! 2 Mo ahonyadeɛ aporɔ, na nweweboaa awe mo ntadeɛ. 3 Mo sika ne dwetɛ awe nnaakyen, na ɛho nnaakyen no bɛdi mo adanseɛ, na ɛbɛdi mo nam sɛ ogya. Moahyehyɛ agyapadeɛ, nna a ɛdi […]