Luka 12

Nyaatwom ho kɔkɔbɔ

1 Berɛ no mu ara a nkurɔfokuo mpempem aboaboa wɔn ano na mpo wɔtiatia wɔn ho soɔ no, ɔfitii aseɛ ka kyerɛɛ n’asuafoɔ no kane sɛ:Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ mmɔka a ɛne nyaatwom no ho!

2 Na biribiara nni hɔ a ɛso akata a wɔrenyi soɔ, anaa ahunta a wɔrenhunu.

3 Enti biribiara a moaka no esum mu no, wɔbɛte no hann mu, na deɛ moaka no aso mu wɔ mpia mu no, wɔbɛpae mu aka wɔ adan atifi.

Nnipa suro ho kɔkɔbɔ

4 Na me nnamfonom, mese mo sɛ: Monnsuro wɔn a wɔkum honam, na yei akyiri no, wɔnni biribi a wɔbɛtumi ayɛ bio.

5 Na mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no; monsuro deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; aane, mese mo sɛ: Oyi na monsuro no!

6 Ɛnyɛ mpatuprɛ nnum na wɔtɔn gye mpɛsewa mmienu? Nso Nyankopɔn anim deɛ, ani mpa wɔn mu baako mpo so.

7 Na mo tirinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti monnsuro, mosene mpatuprɛ bebree.

Ɛnsɛ sɛ wɔpa Kristo

8 Nso mese mo sɛ: Obiara a ɔbɛbɔ me din nnipa anim no, Onipa Ba no nso bɛbɔ ne din Nyankopɔn abɔfoɔ anim.

9 Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, wɔbɛpa no Nyankopɔn abɔfoɔ anim.

Honhom Kronkron ne n’akwankyerɛ

10 Na obiara a ɔbɛka asɛm bi atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛka abususɛm atia Honhom Kronkron no, wɔremfa nkyɛ no.

11 Na sɛ wɔde mo kɔ hyia adan mu ne mpanimfoɔ ne atumfoɔ anim a, monnwennwene deɛ mode bɛyi mo ano anaasɛ deɛ mobɛka ho,

12 ɛfiri sɛ dɔn no ara mu na Honhom Kronkron bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.

Yesu mpɛ sɛ ɔyi atɛn

13 Na onipa bi a ɔfiri nkurɔfokuo no mu see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, kasa kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ awunnyadeɛ.

14 Na ɔbisaa no sɛ:Onipa, hwan na ɔde me sii mo so sɛnnifoɔ anaa ɔdekyɛfoɔ?

15 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ na monhwɛ mo ho yie pɛpɛɛ ho! Na ɛnyɛ onipa adeɛ a wanya na aboro soɔ no mu na ne nkwa wɔ.

Adufudepɛ

16 Na ɔbuu wɔn bɛ sɛ:Onipa bi a ɔyɛ ɔdefoɔ asase soo aba pii.

17 Na ɔsusuu ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ, menni deɛ mede me nnɔbaeɛ bɛsie.

18 Na ɔse: Deɛ meyɛ nie, mɛdwiri m’asan, na masi akɛseɛ; na ɛhɔ na mede me nnɔbaeɛ nyinaa ne me nnoɔma bɛsie,

19 na maka makyerɛ me kra sɛ: Ɔkra, wowɔ nnoɔma pa pii a wɔde asie ama mfirinhyia pii. Home, didi, nom, na wo bo ntɔ wo yam!

20 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkwasea, anadwo yi wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam; na nnoɔma a wɔasiesie no bɛyɛ hwan dea?

21 Saa ara na deɛ ɔhyehyɛ agyapadeɛ ma ne ho, na ɔnyɛ ɔdefoɔ wɔ Nyankopɔn fam no teɛ.

Suro ne akyinnyegyeɛ

22 Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ:Yei nti mese mo sɛ: Monnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie anaa mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira.

23 Ɔkra sene aduane, na nipadua sene ntoma.

24 Monhwɛ anene sɛ wɔnguo na wɔntwa, na wɔnni adekoradan anaa ɔsan; nanso Onyankopɔn yɛne wɔn. Sene bɛn na monsene nnomaa!

25 Na mo mu hwan na ɔbɛtumi adwendwene de basafa baako ato ne tentene soɔ?

26 Na sɛ montumi nyɛ ade ketewa a ɛte sɛɛ mpo a, adɛn na modwendwene deɛ aka ho?

27 Monhwɛ sukooko sɛdeɛ ɛnyini; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa; nanso mese mo sɛ, Salomo animuonyam nyinaa mu mpo n’ahosiesie anto yeinom mu baako.

28 Na sɛ Onyankopɔn ma wira mu ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, mprɛ ahe na ɔremma mo, mo a mo gyidie sua?

29 Na mo deɛ, monnhwehwɛ deɛ mobɛdie anaasɛ deɛ mobɛnom, na mommma mo ani nnyɛ mo totɔtotɔ!

30 Na yeinom nyinaa akyi na wiase amanaman die; na mo Agya nim sɛ nnoɔma yi hia mo.

31 Na mmom monhwehwɛ Nyankopɔn ahennie, na wɔde yeinom nyinaa bɛka mo ho.

Ɔsoro ahonyadeɛ

32 Kuo ketewa, monnsuro! Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo Agya no fɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.

33 Montɔn deɛ mowɔ mfa nyɛ adɔeɛ, monyɛ sika nkotokuo a ɛrenyɛ dada mfa, ɛne agyapadeɛ a ɛrensa da ɔsoro, deɛ owifoɔ mma ho, na nweweboaa nsɛe no.

34 Na deɛ mo agyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na mo akoma nso wɔ.

Mo wura sanba nti, monwɛn!

35 Mommɔ abɔsoɔ, na momma mo akanea nnɛre;

36 na monyɛ sɛ nnipa a wɔretwɛn da ko a wɔn wura bɛfiri ayeforɔ ase aba, na sɛ ɔba na ɔbɛbɔ mu a, wɔahini no ntɛmntɛm.

37 Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama wɔatena adidiiɛ, na waba abɛsom wɔn.

38 Na sɛ ɔba ɔdasuo a ɛtɔ so mmienu anaa mmiɛnsa mu na ɔbɛto wɔn saa a, nhyira ne wɔn!

39 Na monhunu yei sɛ, sɛ efiewura nim dɔn ko a owifoɔ bɛba a, anka wamma wɔammɛtu ne dan ase anhyɛne mu.

40 Enti mo nso, monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monsusuo mu na Onipa Ba no bɛba.

41 Na Petro see no sɛ: Awurade, yɛn nko na wobu yɛn bɛ yi anaasɛ wobu kyerɛ wɔn nyinaa nso?

42 Na Awurade se:Hwan ne efiepanin nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no bɛdi ne fiefoɔ so, sɛ ɔmma wɔn wɔn aduane berɛ a ɛsɛ mu?

43 Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, ɔbɛhu no sɛ ɔreyɛ saa.

44 Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛma no adi deɛ ɔwɔ nyinaa so.

45 Na sɛ akoa no se n’akomam sɛ: Me wura akyɛre ne ba, na ɔfiri aseɛ boro asomfoɔ ne mmaawa no, na ɔdidi na ɔnom boro a,

46 akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a ɔnnim mu, na wabɛtwa ne mu mmienu, na wama ɔno ne akyinnyegyefoɔ anya kyɛfa korɔ.

47 Na akoa no a ɔnim deɛ ne wura pɛ na wansiesie ne ho na wanyɛ sɛdeɛ ɔpɛ no, wɔbɛhwe no mmaa pii.

48 Na deɛ ɔnnim na ɔyɛ ahwedeɛ no, wɔbɛhwe no kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, ne nkyɛn na wɔbɛhwehwɛ pii; na deɛ wɔde pii ahyɛ ne nsa no, ɔno na wɔbɛbisa no deɛ ɛboro soɔ.

Akodie ho nkɔmhyɛ

49 Mebaa sɛ merebɛma ogya asɔ asase soɔ, na sɛ asɔ dada a, ɛdeɛn na merehwehwɛ sene yei?

50 Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me, na me ho yera me kɔsi sɛ wɔbɛwie bɔ!

51 Mosusu sɛ mebaa sɛ merebɛma asomdwoeɛ asase so? Ɛnte saa, na mmom mpaepaemu.

52 Na ɛfiri nnɛ, efie koro mu nnipa baanum bɛdi mpaepaemu, na baasa ne baanu anya, na baanu ne baasa anya.

53 Wɔbɛdi mpaepaemu

na agya ne ne ba anya,

na ɔba ne agya anya;

na ɛna ne ne babaa anya,

na ɔbabaa ne ɛna anya,

na aseɛ ne n’asebaa anya,

na asebaa ne n’ase anya.

54 Na ɔsee nkurɔfoɔ akuakuo no nso sɛ:Sɛ mohunu sɛ osuo amuna atɔeɛ fam a, ntɛm ara na mose: Osuo reba; na ɛba saa.

55 Na mohunu sɛ anafoɔ mframa rebɔ a, mose: Ahuhuro reba; na ɛba mu.

56 Nyaatwomfoɔ! Monim asase ne ɔsoro ani nnoɔma asekyerɛ, na adɛn na monhunu berɛ yi asekyerɛ?

57 Na adɛn na mo ara nso mommu deɛ ɛtene ho atɛn?

58 Na sɛ wo ne wo nkurobɔfoɔ rekɔ otumfoɔ anim a, wo ne no wɔ ɔkwan mu no, bɔ mmɔden gye wo ho firi ne nsam, na wantwe wo ankɔhyɛ ɔtemmufoɔ nsa, na ɔtemmufoɔ no amfa wo amma ofiasehwɛfoɔ, na ofiasehwɛfoɔ no amfa wo ankɔto afiase.

59 Nokorɛ mese wo sɛ: Woremfiri hɔ ara da, gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyire no mpo ansa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eleven + 13 =