Nnwom 98

AWURADE reba Dwom. 1 Monto dwom foforɔ mma AWURADE, na wayɛ anwanwadeɛ, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no. 2 AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛ, wayi ne tenenee adi, amanaman anim. 3 Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ. 4 Nsase nyinaa, mommɔ ose […]

Nnwom 47

Onyankopɔn di hene Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom. 1 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam, momfa anigyeɛ nhuro mmɔ ose mma Onyankopɔn. 2 Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu, ɔyɛ ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so. 3 Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase, na ɔde nkurɔfoɔ hyɛ yɛn nan ase. 4 Ɔyi yɛn […]

Nnwom 15

Deɛ ɔfata AWURADE ntomadan mu tena Dawid dwom. 1 O AWURADE, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron soɔ? 2 Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee, na ɔka n’akomam nokorɛ. 3 Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora. 4 Ɔno ara n’ani […]

Nnwom 5

Anɔpa afɔdeɛ ho mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom. 1 AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm, na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu. 2 Tie me nteamu, me hene ne me Nyankopɔn, na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ. 3 AWURADE, tie me nne anɔpa, anɔpa na masiesie mama woɔ, na mɛhwɛ […]

Nnwom 6

Nkotosrɛ mpaebɔ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto no “Seminit” ɛnne so. Dawid dwom. 1 AWURADE, mfa w’abufuo nka m’anim, na mfa w’abufuhyeɛ ntwe m’aso. 2 AWURADE, hu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ meyɛ hodwoo; AWURADE, sa me yadeɛ, na me nnompe abɔ huboaa, 3 na me kra nso abɔ huboaa sɛ. Na wo, AWURADE, […]

Nnwom 1

Ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ 1 Nhyira ne onipa a ɔnnante abɔnefoɔ agyina mu, na ɔnnyina nnebɔneyɛfoɔ kwan soɔ, na ɔntena fɛdifoɔ tenabea, 2 na mmom n’ani gye AWURADE mmara ho, na ɔdwene ho awia ne anadwo. 3 Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ […]

Nnwom 2

Deɛ AWURADE asra no no 1 Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susu ade hunu yi? 2 Asase so ahemfo sɔre gyina, na atumfoɔ bom tu agyina tia AWURADE ne deɛ wasra no no sɛ, 3 Momma yɛmmubu wɔn mpokyerɛ, na yɛnto wɔn nhoma mfiri yɛn ho ngu. 4 Deɛ ɔte soro no […]

Nnwom 3

Ahohia berɛ mu anɔpa dwom Dawid dwom a ɔtoeɛ berɛ a ɔdwane firii ne ba Absalom anim. 1 AWURADE, hwɛ sɛdeɛ m’ahohiahiafoɔ si dɔɔso fa! Wɔn a wɔsɔre tia me no yɛ pii. 2 Nnipa bebree se me sɛ: Ɔnni nkwagyeɛ Nyankopɔn mu. # Sela 3 Na wo, AWURADE, wone me ho kyɛm, m’animuonyam ne […]

Nnwom 4

Nyankopɔn asomdwoeɛ Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa sankuo nto. Dawid dwom. 1 Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn. Ahohia mu, woboaa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ. 2 Mo mmarima mma, m’animuonyam bɛdane ahohora akɔsi da bɛn? Mobɛdɔ ade hunu, mobɛdi atorɔ akyi akɔsi da bɛn? 3 Na monhunu sɛ […]

Nnwom 7

Onyankopɔn bu atɛntenenee Dawid adesrɛ dwom a Benyaminni Kus nsɛm nti ɔto maa AWURADE. 1 AWURADE, me Nyankopɔn, wo na medwane bɛtoa wo. Gye me m’atifoɔ nyinaa nsam, na yi me! 2 Na wɔansunsuane me kra sɛ gyata antete me mu a ɔgyefoɔ nni hɔ. 3 AWURADE me Nyankopɔn, sɛ mayɛ yei, na amumuyɛdeɛ bi […]