Efesofoɔ 1

Nkyea 1 Paulo a ɔnam Nyankopɔn pɛ so bɛyɛɛ Kristo Yesu somafoɔ, de kɔma ahotefoɔ a wɔwɔ Efeso a wɔyɛ Kristo Yesu mu gyidifoɔ: 2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. Nyankopɔn dɔ ho tirimbɔ 3 Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom […]

Efesofoɔ 2

Yɛafiri owuo mu aba nkwa mu 1 Na mo a anka moyɛ awufoɔ wɔ mfomsoɔ ne bɔne mu, 2 na akane no monantee sɛdeɛ wiase abrabɔ teɛ ne sɛdeɛ ewiem tumi no panin no teɛ, honhom a nnansa yi ɛyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no. 3 Wɔn mu na anka akane no, […]

Efesofoɔ 3

Paulo dwumadie wɔ amanaman mufoɔ mu 1 Yei nti na me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani ma mo amanaman mufoɔ, 2 sɛ ebia moate ofiehwɛ-adwuma a Nyankopɔn adom a mo nti wɔde adom me no, 3 sɛ ɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm no, sɛdeɛ matwerɛ no tiawa mu dada no. 4 Sɛ mokekan a, […]

Efesofoɔ 4

Asafo no baakoyɛ 1 Enti afei me, Awurade deduani, metu mo fo sɛ monnante sɛdeɛ ɛfata frɛ a wɔde afrɛ mo, 2 ahobrɛaseɛ adwene ne ɔdwoɔ nyinaa mu, abodwokyɛre mu, monkurakura mo ho mu wɔ ɔdɔ mu, 3 mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu. 4 Ɛfiri sɛ nipadua baako ne honhom baako […]

Efesofoɔ 6

Mma ne Agyanom 1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm Awurade mu; na yei na ɛtene. 2 Di w’agya ne wo na ni! Yei ne mmara asɛm a ɛdi kan a bɔhyɛ wɔ mu, 3 na awie wo yie, na wo nna aware asase so. 4 Na agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo, na mmom monyɛne wɔn […]