Hosea 1

Hosea yere ne ne mma 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie. 2 Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na […]

Hosea 2

Wɔsɛe Nyankopɔn apam 1 Monka nkyerɛ mo nuammarimanom sɛ: Ammine mo nua mmaanom sɛ: Ruhama. 2 Mo ne mo na nkasa, monkasa, na ɔno deɛ, ɔnyɛ me yere, na me nso menyɛ ne kunu, na ɔnyi n’adwamammɔ no mfiri n’anim ne n’awaresɛeɛ no mfiri ne nufoɔ ntam, 3 na mampa ne ho ntoma mamma no […]

Hosea 3

Nyankopɔn ntoboaseɛ 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ bio na kɔdɔ ɔbaa dwamammɔni a ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ, sɛ AWURADE dɔ Israel mma na wɔn deɛ, wɔdane kɔ anyame foforɔ nkyɛn na wɔdɔ bobe aba taterɛ no. 2 Na mede nnwetɛbena dunum ne atokoɔ homer baako ne atokoɔ letek baako a ɛyɛ homer fa metɔɔ […]

Hosea 4

Wɔyi asɔfoɔ ne ɔman no atɛn 1 Montie AWURADE asɛm, Israel mma, na AWURADE ne asase sofoɔ anya ɔham. Na nokorɛ ne adɔeɛ ne Nyankopɔn ho nimdeɛ biara nni asase so. 2 Ntanka, nkontompo, awudie, korɔno ne awaresɛeɛ na ɛwɔ hɔ. Wɔdi akakabensɛm na mogyahwieguo toa mogyahwieguo so. 3 Enti asase no di abooboo, na […]

Hosea 5

Ahemman mmienu no atenetene 1 Montie yei, asɔfoɔ, na monwɛn aso, Israel fie, na ɔhene fie nso, monyɛ aso; na mo so na atemmuo aba; na moadane fidie wɔ Mispa ne asau a wɔatrɛ mu wɔ Tabor so. 2 Na mansotwefoɔ ama wɔn ahohwisɛmdie mu adɔ, nanso mɛtwe wɔn nyinaa aso. 3 Me deɛ, menim […]

Hosea 6

Ahonu a ɛnyɛ 1 Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn. 2 Nnanu akyiri no ɔbɛma yɛanya nkwa, da a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɔbɛma yɛasɔre na yɛanya n’anim nkwa. 3 Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. […]

Hosea 7

1 Meresa Israel yadeɛ yi, na Efraim amumuyɛ ne Samaria nnebɔne reda adi; na wɔdi atorɔ, na owifoɔ bubu ba mu, akwanmukafoɔ asafo nso fom fa wɔ mmorɔno so. 2 Na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ mekaa wɔn bɔneyɛ nyinaa; afei wɔn nneyɛɛ atwa wɔn ho ahyia, ɛgu m’anim. 3 Wɔde wɔn bɔneyɛ ma […]

Hosea 8

Israel nnebɔne kɛseɛ 1 Fa totorobɛnto tua w’ano; ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ; ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara. 2 Me na wɔbɛsu afrɛ me sɛ: Me Nyankopɔn, yɛni wo, yɛn a yɛyɛ Israel. 3 Papa ayɛ Israel nwunu; ma ɔtamfoɔ nti wɔn ɛ! 4 Wɔn deɛ, wɔasisi ahene, na ɛmfiri me, […]

Hosea 9

Otukorɔ no 1 Israel, mma w’ani nnnye na nni ahurisie sɛ aman bi, ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman. Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so. 2 Ayuporebea ne nsa-kyi-amena renyɛne wɔn, na nsamono no bɛdi wɔn hwammɔ. 3 Wɔrentena AWURADE asase so, na Efraim bɛsane akɔ Misraim, na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria. […]

Hosea 10

Akane yiedie ne nnɛ yi sɛeɛ 1 Israel yɛ obobe pa a ɛso n’aba nsɔ; dodoɔ ara a n’aba dɔɔso no, dodoɔ a wama afɔrebukyia nso adɔɔso. N’asase yie a ɛyɛ nti no, wɔanya ahoni adum asiyɛ nso. 2 Wɔn akoma mu apaepae, afei ɛso bɛbua wɔn. # AWURADEbɛdwiri wɔn afɔrebukyia agu, na wasɛe wɔn […]