Sirak 49

Yosia ne Afoforɔ binom a wɔfata

1 Yosia din te sɛ aduhwam mfrafraeɛ

a aduhwamni de ne nimdeɛ asiesie;

ne nkaeɛ yɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ obiara anomu,

na ɛte sɛ dwom wɔ nsa apontoɔ ase.

2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene sɛ ɔsakyeraa ɔman no,

na ɔyii amumuyɛ akyiwadeɛ no firii hɔ.

3 Ɔde n’akoma too Awurade so;

na mmaratoɔ mmerɛ mu ɔmaa nyamesuro gyinae.

4 Wɔyi Dawid, Hesekia ne Yosia si nkyɛn a,

nkaeɛ no nyinaa yɛ bɔneyɛ mu akukudam,

ɛfiri sɛ wɔgyaa Ɔsorosoroni no mmara hɔ;

Yuda ahemfo no baa awieeɛ.

5 Wɔde wɔn tumi maa afoforɔ,

ne wɔn animuonyam maa ananafoɔ man bi,

6 wɔn a wɔtoo kuro a ɛyɛ kronkronbea no mu gya,

na wɔmaa ne mmɔntene so danee amamfo,

sɛdeɛ na Yeremia aka no.

7 Ɛfiri sɛ na wɔayɛ no ayayadeɛ,

ɔno a na wɔfiri yafunu mu ate ne ho sɛ odiyifoɔ no,

sɛ ɔntutu, ɔnnwiri na ɔnsɛe,

na saa ara na ɔnsi na ɔnnua.

8 Hesekia ne deɛ ɔhunuu animuonyam adehunu no,

Onyankopɔn yi kyerɛɛ no wɔ soro kerubim teaseɛnam no.

9 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔɔ Hiob din,

ɔno a ɔkuraa atɛntenenee akwan nyinaa mu no.

10 Ma Adiyifoɔ Dummienu no nnompe

nsoma nkwa foforɔ mfiri faako a wɔdeda hɔ mmra,

ɛfiri sɛ wɔn na wɔkyekyeree Yakob nkurɔfoɔ no werɛ

na wɔde nnamyɛ anidasoɔ gyee wɔn.

11 Yɛbɛyɛ dɛn akorɔn Serubabel?

Na ɔte sɛ nsa nifa so nsɔano pɛtea,

12 na saa ara na Yosadak ba Yosua teɛ;

wɔsii ɛdan no wɔ wɔn berɛ so

na wɔpagyaa asɔredan kronkron sii hɔ maa Awurade,

a wɔasiesie ama animuonyam afebɔɔ.

13 Nehemia ho nkaeɛ nso bɛkyɛre;

ɔsii yɛn afasuo a abubuo,

na ɔsii apono ne adaban,

na ɔsane sisii yɛn adan a abubuo no.

Nnoɔma a abɛsene korɔ

14 Nnipa kakra bi na wɔbɔɔ wɔn asase so te sɛ Henok,

ɛfiri sɛ wɔmaa ne so firii asase so kɔɔ soro.

15 Na obiara nni hɔ a wɔwoo no te sɛ Yosef;

ne nnompe mpo, na wɔhwɛ so.

16 Wɔhyɛɛ Sem, Set ne Enos animuonyam,

na mmom abɔdeɛ mu biara deɛ ɔkyɛn so ne Adam.

Sirak 12

1 Sɛ woyɛ papa a, hunu deɛ woyɛ ma no no,

na wɔada wo ase wɔ wo nnwuma pa ho.

2 Yɛ onyamesuroni papa, na wobɛnya akatua,

na sɛ amfiri wɔn nkyɛn mpo a, ɛbɛfiri Ɔsorosoroni no nkyɛn.

3 Biribi pa biara remma mma onipa a ɔkɔ so yɛ bɔne

anaasɛ onipa a ɔnkyɛ mmɔborɔhunufoɔ adeɛ no.

4 Kyɛ onyamesuroni adeɛ, na ɔbɔnefoɔ deɛ ɛnyɛ no mmoa biara.

5 Yɛ ɔhobrɛaseni papa, na mmom mfa biribi mma omumuyɛfoɔ;

6 Ɛfiri sɛ Ɔsorosoroni no nso kyiri abɔnefoɔ

# na ɔde asotwe bɛma amumuyɛfoɔ.

7 Ma onipa a ɔyɛ papa, na mmom ɔbɔnefoɔ deɛ mmoa no.

8 Wɔnnim ɔyɔnkoɔ wɔ yiedie mu,

anaasɛ ɔtamfoɔ nhunta wɔ amanehunu mu.

9 Onipa atamfoɔ bɛyɛ ne nnamfo berɛ a ɔdi yie,

nanso amanehunu berɛ mu no onipa adamfo yera.

10 Mfa wo werɛ nhyɛ wo tamfoɔ mu,

ɛfiri sɛ, sɛdeɛ nnaakyeweɛ hwehwɛ sɛ ɛbɛsesa kɔbere no, sɛ n’amumuyɛ nso teɛ ne no.

11 Mpo sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔsi ne ti ase nante koraa a,

hwɛ wo ho yie na bɔ wo ho ban wɔ ne ho.

Yɛ wo ho sɛ adeɛ a wɔde pepa ahwehwɛ anim,

a ɛhwɛ pa ara sɛ ɛbɛfiri nkekaeɛ mu koraa.

12 Mma no ntena mmɛn wo,

anyɛ saa a, ɔbɛtumi atu wo afiri hɔ na wabɛhyɛ w’ananmu.

Mma no ntena wo nsa nifa so,

ɔbɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛgye w’adwa, wobɛhu nokorɛ a ɛwɔ me nsɛm mu,

na awieeɛ no wobɛhu nokorɛ a ɛwɔ me nsɛm yi mu,

na ma deɛ maka no nwowɔ wo.

13 Hwan na ɔdi yea ma ɔwɔ kaberekyerefoɔ berɛ a waka no no,

anaasɛ wɔn a wɔtwi bɛn mmoa aniɛdenfoɔ ho?

14 Ɛno nti obiara nhunu onipa a ɔde ne ho bɔ ɔdebɔneyɛni ho

na ɔde ne fɔre ɔfoforɔ bɔne.

15 Ɔbɛka wo ho ɛberɛ tiawa bi mu,

na sɛ wohinhim a, ɔremmɛn wo bio.

16 Ɔtamfo de n’ano ka nsɛm dɛdɛ,

nanso n’akoma mu deɛ, wahyehyɛ sɛ ɔbɛto wo atwene amena mu;

ɔtamfo bɛte nisuo deɛ,

nanso sɛ ɔnya kwan pɛ, wo mogya nso no.

17 Sɛ mmusuo bi ba wo so a, wobɛhu no sɛ wadi w’anim kan wɔ hɔ;

ɔboapa bɛyɛ sɛdeɛ ɔreboa wo, na watwa wo nantini.

18 Na afei wawoso ne ti, na wabɔ ne nsa mu,

na wawesewese pii, na wayi n’anim ankasa akyerɛ wo.

Adiyisɛm 15

Abɔfoɔ a wɔkurakura ɔhaw mmusuo a ɛtwa toɔ no

1 Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to.

2 Na mehunuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a egya fra mu. Na wɔn a wɔdii aboa no, ne ne honi, ne ne din akontahyɛdeɛ ho nkonim no gyinagyina ahwehwɛ po no ano kurakura Nyankopɔn nsankuo.

3 Na wɔto Nyankopɔn akoa Mose dwom ne Adwammaa no dwom sɛ:

Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ,

wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwa.

Amanaman hene, w’akwan tene na ɛyɛ nokorɛ.

4 Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ

na ɔrenhyɛ wo din animuonyam?

Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron,

na amanaman nyinaa bɛba

abɛkoto w’anim,

ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.

5 Na yeinom akyiri no mehwɛe, na wɔahini adanseɛ ntomadan asɔredan no ɔsoro.

6 Na abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson no firi asɔredan no mu firii adi, wɔhyehyɛ nwera fitafitaa a ɛhran, na wɔde sika abɔsoɔ abobɔ wɔn mu.

7 Na ateasefoɔ baanan no mu baako maa abɔfoɔ baason no sika nkuruwa nson a wɔde Nyankopɔn a ɔte ase daa daa no abufuo no ahyɛ mu mama.

8 Na wisie a ɛfiri Nyankopɔn animuonyam ne ne tumi no mu hyɛɛ asɔredan no ma, na obiara antumi ankɔ asɔredan no mu kɔsii sɛ wɔwiee abɔfoɔ baason no ɔhaw mmusuo nson no ansa.

Adiyisɛm 16

Nyankopɔn abufuo nkuruwa nson no

1 Na metee nne kɛseɛ bi a ɛfiri asɔredan no mu reka kyerɛ abɔfoɔ baason no sɛ: Monkɔ nkɔhwie Nyankopɔn abufuo nkuruwa nson no ngu asase so.

2 Na deɛ ɔdi kan no kɔe, na ɔkɔhwiee ne kuruwa no guu asase so. Na nkudaa bɔne a ɛtutuo baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirahyɛdeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no so.

3 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdanee sɛ owufoɔ mogya, na ɛpo no mu mmoa nyinaa wuwuiɛ.

4 Na deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔntene ne asutire mu, na ɛdanee mogya.

5 Na metee sɛ nsuo so bɔfoɔ no se:

Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dada, na woyɛ kronkron, wotene,

ɛfiri sɛ woabu atɛn saa,

6 na wɔahwie ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu,

na woama wɔn mogya anom,

wɔfata saa.

7 Na metee sɛ ɛnne bi firi afɔrebukyia no mu a ɛse:

Aane, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ,

w’atemmuo yɛ nokorɛ ne tenenee.

8 Na deɛ ɔtɔ so nnan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa nhyehye nnipa.

9 Na wɔde ahuhuro kɛseɛ hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ ɔhaw mmusuo yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakyera wɔn adwene anhyɛ no animuonyam.

10 Na deɛ ɔtɔ so nnum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahennwa so. Na n’ahennie danee sum, na yea no nti wɔkekaa wɔn tɛkyerɛma,

11 na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu.

12 Na deɛ ɔtɔ so nsia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛseɛ Eufrate mu, na emu nsuo wee, na wɔasiesie kwan ama ahemfo a wɔfiri owia apueeɛ nohoa.

13 Na mehunuu ahonhom fi mmiɛnsa a wɔte sɛ mponkyerɛne, sɛ wɔfiri ɔtweaseɛ no anomu ne aboa no anomu ne adiyifoɔ atorofoɔ no anomu.

14 Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔfiri kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛseɛ no mu ko no.

15 (Hwɛ, mereba sɛ owifoɔ. Nhyira ne deɛ ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntadeɛ soɔ, na wannante adagya mu, na wɔanhunu ne kwaterekwa.)

16 Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Armagedon.

17 Na deɛ ɔtɔ so nson no hwiee ne kuruwa no guu ahunum. Na ɛnne kɛseɛ bi firi asɔredan no mu, firi ahennwa no mu, sɛ: Wɔawie.

18 Na anyinam ne ɛnne ne aprannaa bae, na asasewosoɔ kɛseɛ a ɛfiri berɛ a nnipa baa asase soɔ no wɔnhunuu so asasewosoɔ kɛseɛ saa pɛn baeɛ.

19 Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.

20 Na nsupɔ nyinaa dwanedwanee, na wɔanhunu mmepɔ biara bio.

21 Na asukɔtweaa akɛseɛ a ɛte sɛ dwetikɛseboɔ firi soro guguu nnipa so, na asukɔtweaa no haw nti nnipa kaa Nyankopɔn ho abususɛm ɛfiri sɛ na ɔhaw no so kɛse.

Adiyisɛm 3

Sardi nwoma

1 Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.

2 Nyane, na hyɛ nkaeɛ a ɛrebɛwuo no den. Na menhunuu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

3 Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.

4 Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wɔnguu wɔn ntadeɛ ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnante ntadeɛ fitaa mu, ɛfiri sɛ wɔfata.

5 Deɛ ɔdi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa saa, na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.

6 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no.

Filadelfia nwoma

7 Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ:

Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no,

deɛ ɔkura Dawid safoa,

na ɔhini na obi nto mu,

na ɔto mu, na obi nhini no, seɛ:

8 Menim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɛpono a wɔahini masi w’anim a obi ntumi nto mu, ɛfiri sɛ wowɔ ahoɔden ketewa bi, na woadi m’asɛm so, na woampa me din.

9 Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo.

10 Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.

11 Mereba ntɛm; sɔ deɛ wowɔ no mu, na obi annye w’abotire.

12 Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.

13 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.

Laodikea nwoma

14 Na Laodikea asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdanseni a ɔsɛ sɛ wɔgye no die na ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, Nyankopɔn abɔdeɛ farebae no seɛ:

15 Menim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwunu na wonyɛ hyeɛ. Sɛ woyɛ nwunu anaa hye a, anka ɛyɛ.

16 Na afei deɛ, ɛnam sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyeɛ anaa nwunu nti, mɛfe wo mafiri m’anomu.

17 Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani.

18 Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.

19 Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!

20 Hwɛ, megyina ɛpono ano na mebɔ mu. Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi.

21 Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.

22 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.

Filipifoɔ 2

Onuadɔ

1 Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekyerɛ bi, sɛ Honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehyeɛ ne ntimmɔborɔ bi wɔ hɔ a,

2 momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, anokorɔ, ne adwenkorɔ.

3 Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛne mo ara mo ho.

4 Mommma obiara nnhwɛ ɔno nko ara adeɛ, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfoɔ deɛ bi.

Yesu ahobrɛaseɛ ne n’ahopakyire

5 Momma adwene a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ara ntena mo mu bi.

6 Ɔno na ɔwɔ Nyankopɔn tebea mu deɛ,

nanso wannyina so ketee

sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ,

7 na mmom ɔtoo ne ho mpan

faa akoa tebea too ne ho so,

danee nnipa nsɛso, na sɛ ɔyɛɛ n’adeɛ faeɛ no,

wɔhunuu no sɛ onipa,

8 ɔbrɛɛ ne ho ase

yɛɛ setie de kɔsii owuo mu,

aane, asɛnnua ho wuo mu mpo.

9 Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse,

na wama no din

a ɛboro din nyinaa soɔ,

10 sɛ Yesu din mu

na nkotodwe nyinaa nkotoɔ,

deɛ ɛwɔ soro, deɛ ɛwɔ asase so, ne deɛ ɛwɔ asase ase,

11 na tɛkyerɛma nyinaa mpae mu nka

sɛ Yesu Kristo ne Awurade

nhyɛ Agya Nyankopɔn animuonyam.

Nkwagyeɛ ho mmɔdemmɔ

12 Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie;

13 na ɛyɛ Onyankopɔn na ɔyɛ adwuma wɔ mo mu, na monya ɔpɛ ma moyɛ adwuma nyinaa sɛdeɛ ɛbɛsɔ n’ani.

Ɔpene, asomdwoeɛ, ahoteɛ ne anigyeɛ

14 Monkwati huhuhuhu ne akyinnyegyeɛ nyɛ ade nyinaa,

15 na moayɛ nnipa a asɛm nni wɔn ho, a wɔyɛ kronn, Nyankopɔn mma a nkekaeɛ nni wɔn ho wɔ nnɛ mma abusua a wɔakonton na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea wɔ wiase,

16 sɛ mokura nkwa asɛm no mu yie, sɛdeɛ Kristo da no, mahoahoa me ho sɛ ammirika a metuiɛ no anyɛ hunu, na me brɛ adwuma nso anyɛ ɔkwa.

17 Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie.

18 Ɛno ara nti na mo nso momma mo ani nnyeɛ, na mo ne me nni ahurisie.

Wɔsoma Timoteo kɔ Filipi

19 Nanso m’ani da so, Awurade Yesu mu, sɛ ɛrenkyɛre koraa mɛsoma Timoteo ama no aba mo nkyɛn, na sɛ mete mo nka a, me ho nso atɔ me.

20 Na menni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no;

21 ɛfiri sɛ wɔn nyinaa hwehwɛ wɔn ara deɛ, na ɛnyɛ deɛ ɛyɛ Kristo Yesu deɛ.

22 Na ɔno deɛ, sɛdeɛ monim no, monim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛdeɛ ɛteɛ wɔ ɔba ne n’agya ntam.

23 Ɔno na m’ani da no so sɛ, sɛ menya mehunu sɛdeɛ m’asɛm bɛwie ara pɛ a, mɛsoma no.

24 Na mewɔ anidasoɔ wɔ Awurade mu sɛ, ɛrenkyɛ biara mɛba.

Epafrodito

25 Nanso masusu ho sɛ ɛhia sɛ mesoma Epafrodito a ɔyɛ me nua ne yɔnko dwumayɛfoɔ ne yɔnko sraani ne mo somafoɔ ne me dɛɛfoɔ, ma no ba mo nkyɛn;

26 ɛfiri sɛ n’ani agyina mo nyinaa, na ne ho yera no, ɛfiri sɛ motee sɛ ɔyare.

27 Na ɛwom sɛ ɔyaree owuyadeɛ deɛ, nanso Onyankopɔn hunuu no mmɔbɔ, na ɛnyɛ ɔno nko ara, na me nso bi, na m’awerɛhoɔ annɔɔso.

28 Ɛno nti na mabɔ mmɔden masoma no, na sɛ mohunu no a, mo ani agye bio, na me nso m’awerɛhoɔ so ahwan.

29 Enti momfa anigyeɛ nyinaa nnye no Awurade mu, na wɔn a wɔte saa no, monkura wɔn wɔ anidie mu!

30 Ɛfiri sɛ Kristo adwuma nti na ɔbɛn owuo, na ɔde ne nkwa too hɔ sɛ ɔbɛsi mo ananmu asom me wɔ nnoɔma nyinaa mu.

Filipifoɔ 3

Aniani ha dibea yɛ ɔkwa

1 Afei deɛ ɛdi akyire, me nuanom, momma mo ani nnye Awurade mu. Sɛ metwerɛ mo ade korɔ no ara a, ɛnyɛ adeɛ a ɛha me, na mmom, ɛma motim.

2 Monhwɛ yie akraman no ho, monhwɛ yie adwumayɛfoɔ bɔne no ho, monhwɛ yie wɔ twetiatwafoɔ no ho!

3 Na yɛne twetiatwafoɔ no, yɛn a yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam soɔ.

4 Ɛwom sɛ anka me nso mewɔ honam mu biribi a mede me ho bɛto soɔ. Sɛ ɔfoforɔ bi susu sɛ ɔwɔ honam mu biribi a ɔde ne ho bɛto so a, me mmom na mewɔ bie.

5 Hwɛ, wɔtwaa me twetia da a ɛtɔ so nwɔtwe, mefiri Israel asefoɔ mu, Benyamin abusuakuo mu, Hebrifoɔ mu Hebrini, mmara fam, meyɛ Farisini,

6 mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu tenenee fam, wɔannya me ho asɛm.

Paulo hwɛ wɔne Kristo baakoyɛ

7 Nanso nnoɔma a anka ɛyɛ me mfasoɔ no, Kristo nti mebuu no adehwereɛ.

8 Nanso ampa ara meda so mebu nnoɔma nyinaa adehwereɛ, m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛboro soɔ no nti. Ne nti na mebuu nnoɔma no nyinaa adehwereɛ, na mebu no sɛ sumina so adeɛ, na Kristo ayɛ me mfasoɔ,

9 na wɔahunu me ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu, na mmom deɛ ɛnam Kristo ho gyidie so ba, tenenee a ɛfiri Nyankopɔn mu, a ɛnam gyidie so.

10 Na anka mahu no yie, ne ne wusɔreɛ tumi no, na manya kyɛfa wɔ n’amanehunu no mu, na wɔama masɛ ne wuo no,

11 sɛ ebia mɛnya awufoɔ mu sɔreɛ no.

Paulo nkonim

12 Ɛnyɛ sɛ me nsa anya aka, anaasɛ manya mawie pɛyɛ dada, na mmom mepem kɔ m’anim ara na me nsa aka, sɛdeɛ Kristo nso nsa aka me no.

13 Anuanom, me deɛ, mensusu sɛ me nsa anya aka biribi; nanso adeɛ baako pɛ na meyɛ, mema me werɛ firi deɛ atwa mu no, na metwe me mu mepɛ deɛ ɛwɔ anim no.

14 Mepem kɔ m’anim sɛ mɛduru botaeɛ no ho, na makɔnya ɔsoro frɛ a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so afrɛ me no mu nkonimboɔ no.

15 Enti momma yɛn mu dodoɔ a yɛyɛ pɛ no nnwene saa; na sɛ biribi wɔ hɔ a modwene no foforɔ a, ɛno nso Onyankopɔn bɛyi no adi akyerɛ mo.

16 Nanso deɛ yɛanya dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.

Asɛnnua no atamfoɔ

17 Anuanom, monsua me, na monhwɛ wɔn a wɔnam saa, sɛdeɛ mowɔ yɛn sɛ nhwɛsoɔ no.

18 Na nnipa bebree wɔ hɔ a metaa ka wɔn nanteɛ ho asɛm kyerɛ mo, na seesei nso mede nisuo mereka bio sɛ, wɔyɛ Kristo asɛnnua no atamfoɔ;

19 wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.

20 Na yɛn deɛ, yɛn man a yɛfiri mu ankasa ne ɔsoro. Ɛfiri hɔnom nso na yɛtwɛn Agyenkwa a ɔno ne Awurade Yesu Kristo

21 a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.

Galatifoɔ 5

Mmara si Kristo kwan

1 Adehyedie mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti monnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔnnua ntoatoa mo bio.

2 Hwɛ, me Paulo, mese mo sɛ wɔtwa mo twetia a, Kristo ho remma mfasoɔ biara mma mo.

3 Na medi adanseɛ bio mekyerɛ onipa biara a wɔatwa no twetia sɛ, ɛtwa sɛ ɔdi mmara no nyinaa soɔ.

4 Mo a mopɛ sɛ wɔbu mo bem mmara no mu no, wɔatete mo afiri Kristo ho, moafiri adom mu ahwe ase.

5 Na yɛn deɛ, yɛnam honhom so, firi gyidie mu, twɛn tenenee anidasoɔ.

6 Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.

Kasa tiawa a ɛdi akyire

7 Na moretu mmirika no yie; hwan na ɔsii mo kwan sɛ monntie nokorɛ no?

8 Saa adwensakyerae yi mfiri deɛ ɔfrɛ mo no.

9 Mmɔreka ketewaa bi na ɛka mmɔre no nyinaa.

10 Me deɛ, m’ani da mo so, wɔ Awurade mu sɛ, morennwene biribi foforɔ biara sɛ me deɛ no; na deɛ ɔhaa mo no, sɛ ɔte sɛn dɛn ara a, ɔbɛnya atemmuo.

11 Na me deɛ, anuanom, sɛ meda so meka twetiatwasɛm a, anka adɛn na wɔda so taa me? Ɛnneɛ na anka asɛnnua no suntidua no nni hɔ bio.

12 Me nko a, anka wɔn a wɔma monya adwenem sakasaka no, wɔadi wɔn ho awu!

Ɔdɔ si ahofadie ho kwan

13 Anuanom, adehyedie mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedie no nyɛ ɔkwan mma honam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho.

14 Na mmara no nyinaa wie pɛyɛ asɛm baako mu, ɛne sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!

15 Na sɛ mokeka na momemene mo ho a, monhwɛ yie na moanni mo ho awu.

Honhom ne onipa su

16 Na mese: Monnante honhom mu na monnni honam akɔnnɔ akyi.

17 Na honam kɔn dɔ tia honhom, na honhom tia honam, na nnoɔma mmienu yi nhyia, na ɛsi mo deɛ mopɛ sɛ moyɛ ho kwan.

18 Na sɛ honhom de mo nam a, na monni mmara ase.

Deɛ ɛfiri onipa su mu ba

19 Na honam nnwuma no da adi pefee, ɛne adwamammɔ, efi, ahohwie,

20 abosonsom, adutoɔ, ɔtane, akayɛ, ahoɔyea, abufuo, aperepereɛ, kunsunkunsum, mpaepaemu,

21 nitan, nsaborɔ, agobɔne ne deɛ ɛtete saa; yeinom ho na merebɔ mo kɔkɔ, sɛdeɛ mebɔɔ mo kɔkɔ kane no, sɛ wɔn a wɔyɛ saa nnoɔma yi rennya Nyankopɔn ahennie no.

Honhom aba

22 Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,

23 ɔdwoɔ ne anidahɔ. Mmara biara nni hɔ a ɛtia yeinom.

24 Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.

25 Sɛ yɛte ase honhom mu a, momma yɛnnante honhom mu nso.

26 Mommma yɛmpɛ animuonyam hunu nnyiyi yɛn ho abufuo, nntentane yɛn ho.

Galatifoɔ 6

Ɛsɛ sɛ wɔyi ayamhyehyeɛ adi kyerɛ wɔn a wɔahwe aseɛ

1 Anuanom, sɛ mfomsoɔ bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufoɔ no, montene deɛ ɔte saa no, honhom a ɛdwoɔ mu, monhwɛ mo ho so yie na wɔansɔ mo nso anhwɛ.

2 Monsoa mo ho mo ho nnesoa abia, na saa na mode bɛhyɛ Kristo mmara no ma.

3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi wɔ berɛ ko ɔnyɛ obiara, ɔdaadaa ne ho.

4 Na ma obiara nsɔ ɔno ara n’adwuma nhwɛ, ɛno na ɔbɛnya ɔno ara ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.

5 Na obiara bɛsoa ɔno ara n’adesoa.

6 Ma deɛ wɔkyerɛkyerɛ no asɛm no, ne deɛ ɔkyerɛkyerɛ no no mmɔ mu nkyɛ nnepa nyinaa.

Asetena mu aba

7 Monnnaadaa mo ho, Onyankopɔn, wɔnsi no atwetweɛ; ɛfiri sɛ deɛ onipa guo no, ɛno ara na ɔbɛtwa.

8 Deɛ ɔgu ma ne honam no, firi honam mu bɛtwa porɔeɛ, na deɛ ɔgu ma honhom no firi honhom mu bɛtwa daa nkwa.

9 Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.

10 Enti yɛwɔ berɛ a ɛfata a, momma yɛnnyɛ nnipa nyinaa yie, ɛnkanka wɔn a wɔyɛ gyidie no fiefoɔ.

Awieeɛ

11 Monhwɛ atwerɛ akɛseɛ a mede me ara me nsa matwerɛ merebrɛ mo yi.

12 Dodoɔ a wɔpɛ sɛ wɔn anim ba nyam honam mu no, wɔn na Kristo Yesu asɛnnua ho taa a wɔmpɛ sɛ wɔtaa wɔn nti, wɔhyɛ mo sɛ montwa twetia.

13 Na wɔn a wɔatwa twetia no mpo nni mmara no so, na mmom wɔpɛ sɛ motwa twetia, na wɔahoahoa wɔn ho mo honam mu.

14 Na me deɛ, ɛmpare me sɛ mɛhoahoa me ho, gye yɛn Awurade Yesu Kristo asɛnnua mu; ɛno so na wɔnam abɔ wiase asɛnnua mu ama me, na wɔabɔ me nso asɛnnua mu ama wiase.

15 Na twetiatwa nyɛ hwee, na momonotoyɛ nso nyɛ hwee, na mmom abɔdeɛ foforɔ.

16 Na dodoɔ a wɔnam saa kwan yi soɔ no, asomdwoeɛ ne mmɔborɔhunu mmra wɔn ne Israel a ɛyɛ Nyankopɔn dea no so.

17 Na ɛfiri nnɛ, mommma obiara nnha me; na meso Awurade Yesu akam wɔ me nipadua mu.

Nkradie

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo honhom, anuanom. Amen.

Marko 15

Wɔde Yesu kɔgyina amrado anim

1 Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.

2 Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ:Wo na woreka.

3 Na asɔfoɔ mpanin no totoo n’ano pii.

4 Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wommua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi?

5 Na Yesu ammua hwee bio, na ɛyɛɛ Pilato nwanwa.

6 Nso daa, afahyɛ no mu no, ɔgyaa odeduani baako a wɔsrɛ no ma wɔn.

7 Na obi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Baraba a wɔagu no ne wɔn a wɔasɔre atia Aban, a wɔadi awu basabasa no mu no mpokyerɛ.

8 Na nkurɔfokuo no kɔ kɔfitii aseɛ srɛɛ no sɛ ɔnyɛ sɛdeɛ ɔyɛ ma wɔn daa no.

9 Na Pilato bua see wɔn sɛ: Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo?

10 Na ɔhunuu sɛ nitan nti na asɔfoɔ mpanimfoɔ no yii no maeɛ.

11 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwanyann nkurɔfokuo no mu sɛ wɔmma ɔnnyaa Baraba mmom mma wɔn.

12 Na Pilato bua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ deɛ mofrɛ no Yudafoɔ hene no?

13 Na wɔteaa mu bio sɛ: Bɔ no asɛnnua mu!

14 Na Pilato bisaa wɔn sɛ: Adɛn, bɔne bɛn na wayɛ? Na wɔteaa mu dendeenden sɛ: Bɔ no asɛnnua mu.

15 Na Pilato pɛɛ sɛ ɔsɔ nkurɔfoɔ no ani nti, ɔgyaee Baraba maa wɔn; na Yesu deɛ, ɔhwee no mpire no, ɔyii no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.

Yesu ho agorɔdie

16 Na asraafoɔ no de no kɔɔ Amrado aban no adihɔ hɔ, na wɔfrɛɛ asraafoɔkuo no nyinaa hyiae.

17 Na wɔhyɛɛ no atadeɛ kɔkɔɔ bi, na wɔnwonoo nkasɛɛ abotire hyɛɛ no,

18 na wɔfitii aseɛ kyeaa no sɛ: Mo, Yudafoɔ hene!

19 Na wɔde demmire paee n’apampam, na wɔtotoo ntasuo guu ne so, na wɔbuu nkotodwe sɔree no.

Golgota

20 Na wɔwiee ne ho agorɔdie no, wɔyii atadeɛ kɔkɔɔ no, de ɔno ara n’atadeɛ hyɛɛ no. Na wɔde no kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.

21 Na wɔhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ɔfiri afuom retwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya, sɛ ɔnsoa n’asɛnnua no.

22 Na wɔde no kɔduruu baabi a wɔfrɛ no Golgota; (ne nkyerɛaseɛ ne Nitireso so).

23 Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhwam afra mu, nanso wannom.

24 Na wɔbɔɔ no asɛnnua mu, na wɔkyekyɛɛ ne ntadeɛ mu twee so ntonto, hwehwɛɛ deɛ ɛbɛyɛ obiara deɛ.

25 Na ɛyɛ dɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na wɔbɔɔ no asɛnnua mu.

26 Na wɔtwerɛɛ afodisɛm no wɔ atifi sɛ: YUDAFOƆ HENE NO!

27 Na wɔsɛnee akwanmukafoɔ baanu kaa ne ho, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ ne benkum;

28 [na atwerɛsɛm a ɛse: Wɔakan no afra amumuyɛfoɔ mu no baa mu.]

29 Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no, wosoo wɔn ti kaa sɛ: Ao, wo a wodwiri asɔredan, na wosi no nnansa nie!

30 Gye wo ho, na firi asɛnnua no so si fam!

31 Saa ara na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no goroo ne ho sɛ: Ɔgyee ebinom, na ɔntumi nnye ne ho.

32 Afei ma Kristo, Israel hene no, mfiri asɛnnua no so nsi fam, na yɛnhunu, na yɛnnye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso yaa no.

Yesu wuo

33 Na ɛbɔɔ awia dummienu no, esum duruu asase no nyinaa so kɔsii nnɔnmmiɛnsa.

34 Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ:Eloi, Eloi, lama sabaktani?A nkyerɛaseɛ ne:Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?

35 Na wɔn a wɔgyina hɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia!

36 Na ɔbaako tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na ɔkaa sɛ: Monnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa?

37 Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu no, ɔwui.

38 Na ntoma a ɛtwa asɔredan mu no mu tee mmienu firi soro bɛsii fam.

39 Na asraafoɔ ɔha so panin a ɔgyina n’anim ntentensoɔ no hunuu sɛ ɔteaa mu saa na ɔwuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Nyankopɔn ba!

40 Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose na Maria, ne Salome ka ho;

41 wɔn nso, ɔwɔ Galilea no, wɔdii n’akyi, na wɔsomm no, ne mmaa afoforɔ pii a wɔne no baa Yerusalem no.

Yesu amu sie

42 Na ɛnya duruu anwummerɛ, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a ɛdi homeda anim no nti,

43 Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.

44 Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnim sɛ wawu ampa anaa! na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no bisaa no sɛ ɔwuiɛ akyɛ anaa?

45 Na ɔte firii asraafoɔ ɔha so panin no hɔ sɛ wawu no, ɔde amu no maa Yosef.

46 Na ɔtɔɔ nwera bi, na ɔyii no de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔbotan bi mu, na ɔmunii ɛboɔ hinii ɛda no ano.

47 Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.