Gyenesis 17

Apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ 1 Na Abram dii mfirinhyia aduɔkron nkron no, AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no kaa sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, nante m’anim, na yɛ pɛ. 2 Na mɛma m’apam ada me ne wo ntam, na mama woadɔ kɛse no ara. 3 Na Abram daa hɔ de n’anim butuu fam; na Onyankopɔn ne […]

Gyenesis 1

Adebɔ mfitiaseɛ 1 Mfitiaseɛ no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase. 2 Na asase da hɔ hunu a ɛnni bɔbea biara, na esum wɔ ebunu ani. Na Nyankopɔn honhom butunsuo no ani. 3 Na Onyankopɔn kaa sɛ: Ɛnyɛ hann! Na ɛyɛɛ hann. 4 Na Onyankopɔn hunuu hann no sɛ ɛyɛ. Na Onyankopɔn paee hann ne esum […]

Gyenesis 3

Onipa asehweɛ 1 Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi? 2 Na ɔbaa no buaa ɔwɔ no sɛ: Turom ha nnua aba no, yɛdi bi; 3 nanso dua a ɛsi […]

Gyenesis 4

Kain ne Habel 1 Na Adam ne ne yere Hawa daeɛ, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo Kain. Na ɔkaa sɛ: AWURADE adaworoma manya ɔbarima. 2 Na ɔwoo ne nua Habel kaa ne ho. Na Habel yɛ odwanhwɛfoɔ, ɛna Kain nso yɛ okuafoɔ. 3 Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, Kain de afuom nnoɔma bɛyɛɛ AWURADE […]

Gyenesis 5

Adam awoɔ ntoatoasoɔ 1 Adam awoɔ ntoatoasoɔ nie: Da a Onyankopɔn bɔɔ onipa no, ɔbɔɔ no ne suban so. 2 Na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbaa, na ɔhyiraa wɔn. Na ɔtoo wɔn din onipa. 3 Na Adam dii mfirinhyia ɔha aduasa no, ɔwoo ɔbabarima wɔ ne nsɛsoɔ ne ne suban so, na ɔtoo no din Set. […]

Gyenesis 6

Nnipa nnebɔne 1 Na nnipa firii aseɛ redɔɔso wɔ asase soɔ na wɔwoo mmammaa maa wɔn no, 2 Nyankopɔn mma hunuu nnipa mmammaa sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. 3 Na AWURADE kaa sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkɔsi daa, ɛfiri sɛ wɔyɛ honam, enti ne nna bɛyɛ […]

Gyenesis 8

Nsuo no twe 1 Na Onyankopɔn kaee Noa ne mmoadoma nyinaa ne ntɔteboa nyinaa a wɔne no wɔ adaka no mu nyinaa. Na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsuo no ano brɛɛ ase. 2 Na ebunu no nsuo aniwa sisii, na ɔsoro mpomma mu totoe, maa osuo a ɛfiri soro no gyaee […]