Tobit 1

1 Nwoma yi ka Tobit ho asɛm. Tobit agya ne Tobiel, a n’agya ne Ananiel, a n’agya ne Aduel, a n’agya ne Gabael, a n’agya ne Rafael; Asiel asefoɔ a wɔfiri Naftali abusuakuo mu. 2 Ɔno na Asiriahene Salmaneser berɛ so wɔfaa no dommum firi Tisbe a ɛwɔ Kades Naftali anafoɔ fam wɔ Galilea Atifi, […]

Tobit 2

Abusua afahyɛ bi 1 Na Esar-hadon ahennie berɛ soɔ no, mesane kɔɔ fie, na wɔde me yere ne me babarima Tobias sane maa me. Yɛn afahyɛ Pentekoste a ɛyɛ nnawɔtwe nson afahyɛ kronkron mu no, wɔnoaa aduane pa maa me na metenaa ase sɛ meredidi. 2 Ɛberɛ a wɔtoo me pono na wɔde aduane a […]

Tobit 3

Tobit mpaebɔ 1 Afei mefiri yea mu mesuiɛ, na mede anibereɛ bɔɔ mpaeɛ sɛ: 2 O Awurade, wone ɔteneneeni, wo nnwuma nyinaa yɛ tee; w’akwan nyinaa yɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛdie; wobu wiase atɛn. 3 Afei, O Awurade kae me na te w’anim kyerɛ me. Ntwe m’aso wɔ me bɔne ne mfomsoɔ a manyɛ no anidaho […]

Tobit 4

Tobit de nhyehyɛɛ ma ne babarima 1 Saa da no Tobit kaee sika a na ɔde agya Gabael wɔ Rages a ɛwɔ Media no, 2 na ɔka kyerɛɛ ne ho sɛ: Afei mafrɛ owuo ama me ho. Adɛn nti na memfrɛ me ba Tobias na menkyerɛkyerɛ no ɛfa sika no ho ansa na mawu? 3 […]

Tobit 5

Ɔbɔfoɔ Rafael 1 Ɛnna Tobias buaa n’agya Tobit sɛ: Agya, mɛyɛ deɛ woahyɛ me no nyinaa; 2 nanso ɛbɛyɛ dɛn na me nsa aka sika no, wɔ berɛ a mennim ɔbarima no na ɔno nso nnim me? Adanseɛ bɛn na mede bɛma no a ɔbɛhu me na wagye me ato mu, na ɔde sika no […]

Tobit 6

1 Ɛno nti ɔgyae su. Wɔtu kwan kɔ Rages Aberantewaa no siim kɔe a na ɔbɔfoɔ no ka ne ho; 2 na ɔkraman firii adi bɛkaa wɔn ho ne wɔn kɔeɛ. Yei nti wɔn baanu bɔɔ anan kɔeɛ, na ɛberɛ a anadwo a ɛdi kan too wɔn no, wɔbɔɔ sese wɔ Asubɔnten Tigris ho. 3 […]

Tobit 7

Wɔkɔduru Raguel fie 1 Afei ɛberɛ a wɔhyɛnee Ekbatana no, Tobias ka kyerɛɛ no sɛ: Onua Asaria, fa me kɔ yɛn nua Raguel hɔ. Ɛno nti ɔde no kɔɔ Raguel fie, na wɔhunuu no sɛ ɔte adihɔ pono no nkyɛn. Wɔdii kan kyeaa no, na ɔgyee so sɛ: Anigyeɛ nkyea, anuanom; akwaaba ne akwanhosan! Afei […]

Tobit 8

Tobias pamo honhommɔne no 1 Ɛberɛ a wɔdidi na wɔnom wieeɛ no, wɔpɛɛ sɛ wɔda; ɛno nti wɔfaa aberanteɛ no de no kɔɔ piadan no mu hɔ. 2 Afei Tobias kae Rafael nsɛm no, na ɔyii apataa berɛboɔ ne ne korona no firii kotokuo a wakora no wɔ mu no, na ɔde aduhwam gya guu […]

Tobit 9

Wɔn nsa ka sika no 1 Na Tobias frɛɛ Rafael na ɔka kyerɛɛ no sɛ: 2 Onua Asarias, fa asomfoɔ baanan ne mfunumupɔnkɔ mmienu ka wo ho na kɔ Rages. Kɔ Gabael fie, na fa sikatua krataa no ma no, na gye sika no, na fa no bra ayeforɔ no ase. 3 Wodi adanseɛ sɛ […]

Tobit 10

Awofoɔ no teetee 1 Afei na da biara da na Tobit rebu nna dodoɔ a Tobias de bɛtu kwan no na wasan ba. Na nna no soeɛ na ne ba no amma no, 2 ɔkaa sɛ: Ɛbɛtumi aba sɛ wɔakyere no anaa? Anaasɛ, ɛntumi mma sɛ Gabael awu na obiara nni hɔ a ɔde sika […]