Yosua 1

Onyankopɔn yi Yosua na ɔkyerɛ no deɛ ɔnyɛ 1 Na AWURADE akoa Mose wuo akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Nun ba Yosua, Mose somfoɔ no sɛ: 2 M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mu yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfoɔ, no so. 3 Baabiara a mo […]

Yosua 2

Rahab gye akwansrafoɔ no 1 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ. 2 Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wɔfiri […]

Yosua 3

Wɔtwa Yordan 1 Ɛnna Yosua sɔree anɔpahema, na wɔtu firii Sitim, na wɔduruu Yordan ano, ɔno ne Israelfoɔ nyinaa, na wɔdaa hɔ ansa na wɔretwa. 2 Na nnansa wiee duro no, ahwɛfoɔ no kyinii nsraban no mu, 3 kɔhyɛɛ ɔman no sɛ: Sɛ mohunu AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ne asɔfoɔ Lewifoɔ a wɔso […]

Yosua 4

Wɔsi nkaeɛ dum 1 Na ɔman mu no nyinaa twaa Yordan wieeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 Monyiyi ɔman no mu mmarima dummienu, abusuakuo biara mu onipa baako, 3 na monhyɛ wɔn sɛ: Montase aboɔ dummienu mfiri Yordan mfimfini ha mfiri deɛ asɔfoɔ no nan gyinaa pintinn hɔ, na momfa ntwa, na monkɔgya […]

Yosua 5

1 Na Amorifoɔ ahene a wɔwɔ Yordan agya atɔeɛ fam no nyinaa ne Kanaan ahemfo a wɔwɔ ɛpo ano no nyinaa tee sɛ AWURADE awe Yordan nsuo Israelfoɔ no anim akɔsi sɛ wɔtwaeɛ no, wɔn akoma tui a na ɔhome bi nni wɔn mu bio Israelfoɔ no anim. Ɔman twetiatwa ne Twam afahyɛ 2 Saa […]

Yosua 6

Yeriko tua 1 Na Yeriko deɛ, na wɔato mu na wɔabram ano Israelfoɔ no anim. Obi mfiri adi, na obi mma mu. 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Hwɛ, mede Yeriko ne ne hene ne akofoɔ no mahyɛ wo nsa. 3 Na montwa kuro no ho nhyia; akofoɔ no nyinaa ntwa ho nhyia prɛko. […]

Yosua 7

Wɔkum Israelfoɔ wɔ Ai. Wɔkum Akan 1 Na Israelfoɔ no too ahyiradeɛ no ho mmara, na Sera ba Sabdi ba Karmi ba Akan a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no faa ahyiradeɛ no bi, na AWURADE bo fuu Israelfoɔ no. 2 Na Yosua somaa mmarima bi firi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apueeɛ, […]

Yosua 8

Wɔdi Ai so nkonim 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma w’akoma nntu. Fa akofoɔ dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai: Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asase mahyɛ wo nsa. 2 Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne […]

Yosua 9

Gibeonfoɔ ne Yosua yɛ apam 1 Na ahemfo a wɔwɔ Yordan agya ha fam mmepɔ so nyinaa ne Sefela mpaperɛ so ne ɛpo kɛseɛ no ano nyinaa de kɔ Lebanon ntentensoɔ, Hetifoɔ ne Amorifoɔ, Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no teeɛ no, 2 wɔbɛhyia boaa wɔn ano yɛɛ nokorɔ sɛ wɔne Yosua ne […]

Yosua 10

Gibeon sa 1 Na Yerusalem hene Adoni-sedek tee sɛ Yosua afa Ai na wasɛe no pasapasa ne sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko ne ne hene no, saa ara na wayɛ Ai ne ne hene nso, 2 ne sɛ Gibeonfoɔ ne Israel adi asomdwoeɛsɛm na wɔaba wɔn mu no, wɔsuroo papaapa, ɛfiri sɛ Gibeon yɛ kuro kɛseɛ te […]