2 Korintofoɔ 3

Paulo ahotosoɔ di n’adwuma ho adanseɛ 1 Yɛrefiti aseɛ bio ayi yɛn ho ayɛ anaa? Anaasɛ ɛhia ma yɛn sɛ yɛde ayeyie krataa brɛ mo anaasɛ yɛnya bi firi mo nkyɛn, sɛdeɛ ebinom yɛ no anaa? 2 Mone yɛn krataa a wɔatwerɛ no yɛn akoma mu a nnipa nyinaa hunu na wɔkenkan, 3 na moda […]

2 Korintofoɔ 4

Agyapadeɛ a ɛgu dɔteɛ anwenneɛ mu 1 Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba, 2 na mmom yɛapo aniwudeɛ a ɛhunta no, na yɛnnante anifire mu, anaasɛ yɛmfra Nyankopɔn asɛm no mu, na mmom yɛda nokorɛ no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Nyankopɔn anim. 3 […]

2 Korintofoɔ 7

1 Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu. Paulo ne agyidifoɔ ntam dɔ 2 Mommue mo akoma mu mma yɛn; yɛnyɛɛ obiara bɔne, yɛnsɛee obiara, yɛnsisii obiara. 3 Menka yei wɔ afobuo kwan so; ɛfiri […]

2 Korintofoɔ 8

Akyɛdeɛ a ɛfiri Makedonia 1 Nanso, anuanom, yɛrema moahunu Nyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no, 2 ɛfiri sɛ, wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛseɛ mu no, wɔn anigyeɛ buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, wɔyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛe; 3 na medi wɔn ho adanseɛ sɛ, wɔde wɔn ara wɔn pɛ maa […]