Malaki 3

AWURADE animdefoɔ 1 Hwɛ, meresoma me bɔfoɔ, na wasiesie ɔkwan adi m’anim, na mpofirim na AWURADE a mohwehwɛ no, aane apam bɔfoɔ a mopɛ no no bɛba n’asɔrefie; hwɛ, ɔreba, asafo AWURADE na ɔseɛ. 2 Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no? Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya […]

Hosea 1

Hosea yere ne ne mma 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Beeri ba Hosea nkyɛn Yuda ahemfo Usia, Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ, ne Israelhene Yeroboam a ɔyɛ Yoas ba berɛ soɔ nie. 2 Mfitiaseɛ a AWURADE ne Hosea kasaeɛ no, AWURADE ka kyerɛɛ Hosea sɛ: Kɔ na kɔfa ɔbaa dwamamfoɔ ne adwamammɔ mma, na […]

Hesekiel 47

Asɔrefie no mu asutire 1 Ɛnna ɔde me sane baa asɔredan no pono ano, na hwɛ, nsuo firi asɔredan no aponnwa ase resene kɔ apueeɛ fam, (na asɔredan no anim hwɛ apueeɛ), na nsuo no resiane wɔ aseɛ, asɔredan no nifa so, afɔrebukyia no anafoɔ fam. 2 Na ɔde me nam atifi fam ponkɛseɛ no […]

Nnwom 15

Deɛ ɔfata AWURADE ntomadan mu tena Dawid dwom. 1 O AWURADE, hwan na ɔbɛsoɛ wo ntomadan mu? Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron soɔ? 2 Deɛ ɔnante pɛpɛɛpɛ na ɔdi asɛntenenee, na ɔka n’akomam nokorɛ. 3 Ɔmfa ne tɛkyerɛma nni nsekuro, na ɔnyɛ ne yɔnko bɔne, na ɔmmɔ ne mfɛfoɔ ahohora. 4 Ɔno ara n’ani […]

1 Samuel 20

Yonatan dwodwo n’agya 1 Na Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔba bɛkaa no Yonatan anim sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ? M’amumuyɛ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me aku me yi? 2 Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu; hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛseɛ anaa […]

Daniel 2

Nebukadnessar daeɛso: Ohoni Mfrafraeɛ no 1 Na Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔsosoo daeɛ bi, na ne honhom ho yeraa no, na n’ani soroe. 2 Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim. 3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn […]

2 Makabee 15

Nikanor ahantan 1 Ɛberɛ a Nikanor tee sɛ Yuda ne n’akofoɔ wɔ Samaria mantam mu no, ɔyɛɛ nhyehyɛɛ sɛ ɔbɛtua wɔn na wafa ne ho sɔnn wɔ ahomegyeɛ da mu. 2 Na ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔhyɛɛ wɔn maa wɔdii n’akyi no, wɔkaa sɛ: Mfa atirimuɔden nkum wɔn, na mmom fa anidie ma deɛ ɔhunu […]