2 Makabee 1

Wɔde krataa kɔma Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim 1 Yudafoɔ a wɔwɔ Yerusalem ne wɔn a wɔwɔ Yudea asase soɔ, Twerɛ kɔma wɔn nuanom Yudafoɔ a wɔwɔ Misraim, Yɛkyea mo, na asomdwoeɛ mapa nka mo. 2 Onyankopɔn nnom mo nnepa, na ɔnkae n’apam a ɔne Abraham, Isak, Yakob ne ne nkoa nokwafoɔ no yɛeɛ no. 3 […]

2 Makabee 2

Yeremia de ntomadan, apam adaka ne afɔrebukyia no sie 1 Wɔhu no wɔ nsɛm a wɔatwerɛ ato hɔ no mu sɛ, Odiyifoɔ Yeremia hyɛɛ wɔn a na wɔretu wɔn akɔ no sɛ wɔmfa ogya no bi, sɛdeɛ wɔaka no, 2 na sɛ odiyifoɔ no de mmara no maa wɔn wieeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn a wɔretu […]

2 Makabee 3

Heliodorus bɛduru Yerusalem 1 Ɛberɛ a nnipa tete kuro kronkron wɔ asomdwoeɛ mapa mu no, ɛsiane Ɔsɔfopanin Onias nyamesompa ne kyiri a na ɔkyiri amumuyɛ, 2 ɛbaa sɛ ahemfo no ara ankasa dii beaeɛ hɔ nni ne akyɛdeɛ a ɛyɛ fɛ a wɔde hyɛɛ asɔredan mu hɔ animuonyam, 3 ma Ɔhene Seleukusa ɔfiri Asia mpo […]

2 Makabee 5

Yason bɔ mmɔden sɛ ɔbɛnya tumi bio 1 Saa berɛ yi ara mu na Antiokus tuu Misraim so sa ne mprenu soɔ. 2 Na ɛbaa sɛ, ɛbɛyɛ adaduanan mu no, apɔnkɔsotefoɔ a wɔhyehyɛ sika ntadeɛ bɔɔ ntoa nam wiem, wɔnam akuakuo a wɔde mpea ne nkrantɛ amia. 3 Apɔnkɔsotefoɔ akofoɔ a wɔaboa wɔn ano, sɛ […]

2 Makabee 6

Wɔhyɛ Yudafoɔ som so 1 Yei akyiri no, ankyɛre koraa na ɔhene somaa Atene mmarahyɛbadwani bi sɛ ɔnkɔhyɛ Yudafoɔ so na wɔnnyae wɔn nananom mmara ahodoɔ no na wɔamfa Onyankopɔn mmara antena ase bio; 2 bio, na ɔmfa efi nka asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no na wɔmfrɛ no Olimpia Seus, na wɔmfrɛ baako a ɛwɔ […]

2 Makabee 7

Wɔku nuammarima baason bi wɔ wɔn gyidie ho 1 Ɛbaa nso sɛ, wɔkyeree nuammarima baason ne wɔn na, na ɔhene no de mmaa ne nhoma yɛɛ wɔn ayakayakadeɛ, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnwe prakonam a mmara mma ho kwan no. 2 Wɔn mu baako a ɔyɛɛ wɔn kasamafoɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ […]

2 Makabee 8

Yuda Makabeus atuateɛ 1 Afei Yuda a wɔsan frɛ no Makabeus no, ɔne n’ayɔnkofoɔ hyɛnee nkuraaseɛ hɔ kokoam, na ɔkɔfrɛfrɛɛ wɔn abusuafoɔ, na wɔtwerɛtwerɛɛ wɔn a na wɔakɔ so ara kura Yudasom gyidie mu no din, ɛno nti wɔboaboaa nnipa a wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem nsia ano. 2 Wɔsrɛɛ Awurade sɛ ɔnhwɛ nkurɔfoɔ a nnipa […]

2 Makabee 9

Antiokus Epifanes satuo a ɛtwa toɔ 1 Saa berɛ no mu, sɛdeɛ ɛsiiɛ no, na Antiokus resan n’akyi afiri Persia mantam mu wɔ sakasakayɛ mu. 2 Ɔhyɛnee kuro bi a wɔfrɛ hɔ Persepolis na ɔpɛɛ sɛ ɔbɛwia abosonnan no mu nnoɔma na wadi kuro no so. Enti nnipa no de akodeɛ pu bae bɛsii no […]

2 Makabee 10

Wɔte Asɔredan no ho 1 Afei Makabeus ne n’akyidifoɔ no, Awurade dii wɔn anim gyee asɔredan no ne kuro no; 2 wɔbubuu afɔrebukyia a ananafoɔ no asisi wɔ badwa petee mu no, na wɔsan nso sɛee wɔn akronkronbea no. 3 Wɔtee kronkronbea no ho; afei, wɔde twerɛboɔ paa gya bɔɔ afɔdeɛ wɔ mfeɛ mmienu a […]