Luka 15

Odwan a wayera no

1 Na togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ no nyinaa twi bɛnee no sɛ wɔrebɛtie no.

2 Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi.

3 Enti ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ:

4 Mo mu nipa bɛn na sɛ ɔwɔ nnwanten ɔha na wɔn mu baako kɔyera a, ɔrennya aduɔkron nkron no ɛserɛ soɔ, na ɔnni deɛ wayera no akyi nkɔsi sɛ ɔbɛhu no?

5 Na sɛ ɔhu no a, ɔde no bɔ ne kɔn ho, na n’ani gye.

6 Na ɔba fie a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwan a ɔyeraeɛ no.

7 Mese mo sɛ: Saa ara na anigyeɛ bɛba soro, ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho, sene nnipa tenenee aduɔkron nkron a ɛnhia wɔn adwensakyera.

Dwetɛbena a ayera no

8 Anaasɛ ɔbaa bɛn na ɔwɔ nnwetɛbena du, na emu baako yera a, ɔrensɔ kanea, na ɔmpra ɛdan no mu, na ɔnhwehwɛ yie nkɔsi sɛ ɔbɛhunu?

9 Na ɔhunu a, ɔfrɛfrɛ ne nnamfo ne n’afipamfoɔ boa ano, na ɔka sɛ: Mo ne me ani nnye, ɛfiri sɛ mahunu me dwetɛbena a ɛyeraeɛ no.

10 Saa ara na mese mo sɛ: Anigyeɛ ba Nyankopɔn abɔfoɔ anim ɔdebɔneyɛni baako a ɔsakyera n’adwene ho.

Ɔba hohwini

11 Na ɔse: Onipa bi wɔ mmammarima baanu.

12 Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahodeɛ a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na ɔkyɛɛ n’asetenadeɛ mu maa wɔn.

13 Na anni da bi na ɔba kumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi soɔ; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwie sɛee n’ahodeɛ nyinaa.

14 Na ɔhweree ne nyinaa wieeɛ no, ɛkɔm kɛseɛ bi baa asase no so, na ɛfirii aseɛ hiaa no.

15 Na ɔde ne ho kɔdanee asase no so hɔni bi; na ɔmaa no kɔɔ ne mfuo mu kɔhwɛɛ mprako.

16 Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔde asɛhono a mprako no die no bi hyɛ n’afuru ma; nanso obiara amma no.

17 Na n’ani baa ne ho soɔ no, ɔkaa sɛ: Apaafoɔ ahe na m’agya nnie a wɔnnya aduane ma no mmoro soɔ; na me deɛ, ɛkɔm rekum me yi?

18 Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na mase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne,

19 na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio, na yɛ me sɛ w’apaafoɔ no mu baako!

20 Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn. Na ɔda so wɔ akyirikyiri no, n’agya hunuu no, na ne yam hyehyee no, na ɔtutuu mmirika kɔyɛɛ no atuu, na ɔfee n’ano.

21 Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na memfata sɛ wɔfrɛ me wo ba bio.

22 Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atadeɛ a ɛyɛ no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;

23 na momfa nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mmra mmɛkum no, na yɛnni, na yɛn ani nnye,

24 ɛfiri sɛ, me ba yi wui, na wanyane bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani.

25 Na ne ba panin no wɔ afuom; na ɔreba na ɔbɛn fie no, ɔtee sankuo ne asa.

26 Na ɔfrɛɛ asomfoɔ no mu baako bisaa no asɛm ko a asie.

27 Na ɔsee no sɛ: Wo nua aba, na w’agya akum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no, ɛfiri sɛ ne nsa aka no nkwahosan mu.

28 Na ne bo fui, na wampɛ sɛ ɔkɔ mu. Ɛnna n’agya firii adi bɛkorɔkorɔɔ no.

29 Na ɔbua see agya no sɛ: Hwɛ mfirinhyia dodoɔ yi a mede masom woɔ, nso mentoo wo mmara da; nanso wommaa me abirekyie ba bi sɛ me ne me nnamfonom mfa nkɔgye yɛn ani da.

30 Na wo ba yi a ɔne nnwamamfoɔ adi w’ahodeɛ no baeɛ ara pɛ deɛ, woakum nantwie ba a wadɔre sradeɛ no ama no.

31 Na ɔsee no sɛ: Ɔba, wowɔ me nkyɛn daa, na deɛ mewɔ nyinaa yɛ wo dea.

32 Na ɛsɛ sɛ yɛn ani gyeɛ na yɛn bo tɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ wo nua yi wui, na wanyane; ɔyerae, na wɔahu no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twenty + seventeen =