Esra 1

Kores gya Israel kwan 1 Na Persiahene Kores afe a ɛdi kan mu no, sɛ AWURADE asɛm a ɛfiri Yeremia anomu no bɛba mu nti, AWURADE kanyan Persiahene Kores honhom, na ɔmaa wɔpaee mu kaa no n’ahennie nyinaa mu, na wɔtwerɛe nso sɛ: 2 Sɛ Persiahene Kores seɛ nie: Asase so ahennie nyinaa na AWURADE […]

Esra 2

Wɔn a wɔsane baeɛ no dodoɔ 1 Na yeinom ne asase no sofoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar tuu wɔn kɔɔ Babel nkoayɛ mu no sane baeɛ na wɔsane kɔtenaa Yerusalem ne Yuda nkuro mu. 2 Wɔne Serubabel na ɛbaeɛ. Wɔn ne: Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum, Baana. Israel man […]

Esra 3

Wɔhyɛ ɔsom ase bio 1 Na bosome a ɛtɔ so nson duruiɛ no, na Israelfoɔ no tete nkuro no mu, na ɔman no boaboaa wɔn ano yɛɛ sɛ nipa baako baa Yerusalem. 2 Na Yosadak ba Yesua ne ne nuanom asɔfoɔ no, ne Sealtiel ba Serubabel ne ne nuanom sɔree, na wɔkɔsii Israel Nyankopɔn afɔrebukyia […]

Esra 4

Asɔrefie sie no ho akwansideɛ 1 Na Yuda ne Benyamin atamfoɔ no tee sɛ otukorɔ mma no resi asɔredan ama AWURADE Israel Nyankopɔn no, 2 wɔtwe baa Serubabel ne Yesua ne agyanom atitire no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛne mo bɛsi, na yɛsom mo Nyankopɔn no sɛ mo, na ɔno na yɛbɔ no afɔdeɛ […]

Esra 5

Wɔkɔ so si asɔrefie no 1 Na Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Odiyifoɔ Sakaria hyɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem ho nkɔm Israel Nyankopɔn din a ɛwɔ wɔn soɔ no mu. 2 Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, na Nyankopɔn adiyifoɔ […]

Esra 6

Asɔrefie no wie 1 Ɛnna Ɔhene Dario hyɛɛ sɛ wɔnkɔhwehwɛ nwoma fie, deɛ wɔde akoradeɛ sie wɔ Babel no. 2 Nso, kuro Ekbatana a ɛwɔ Media mansini mu na wɔkɔhunuu nwoma mmobɔeɛ, a wɔatwerɛ asɛm bi wɔ mu sei sɛ: 3 Ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu no, ɔhyɛɛ mmara sɛ: Nyankopɔn fie a […]

Esra 7

Esra kɔ Yerusalem 1 Na nsɛm yi akyiri no, Persiahene Artasasta ahennie mu no, Esra a ɔyɛ Seraia ba Asaria ba Hilkia ba 2 Salum ba, Sadok ba, Ahitub ba, 3 Amaria ba, Asaria ba, Meraiot ba, 4 Seraia ba, Usi ba, Buki ba, 5 Abisua ba, Pinehas ba, Eleasa ba, Aaron ɔsɔfo panin no […]

Esra 8

Esra mfɛfoɔ 1 Na yeinom ne wɔn agyanom atitire ne wɔn awoɔ ntoatoasoɔ, wɔn a wɔne me firi Babel foro kɔeɛ, Ɔhene Artasasta ahennie mu no: 2 Pinehas mma mu: Gersom. Itamar mma mu: Daniel. Dawid mma mu: Hatus. 3 Sekania mma mu: Paros mma mu: Sakaria; a na wɔkan n’abusua mu mmarima ɔha aduonum […]

Esra 9

Afrafra awadeɛ. Esra ahonu mpaebɔ 1 Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho, 2 ɛfiri sɛ wɔafefa wɔn mmammaa mu bi, na wɔne wɔn mma awareware […]

Esra 10

Mmaa ananafoɔ pamo 1 Na Esra rebɔ mpaeɛ na ɔde esu ne fam da repae mu ka wɔ Nyankopɔn fie no anim no, Israel mu asafo kɛseɛ pa ara, mmarima ne mmaa ne mmɔfra boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn. Na ɔman no suu esu kɛseɛ. 2 Ɛnna Yehiel ba Sekania a ɔfiri Elam mma […]