Luka 19

Yesu ne Sakeo

1 Na Yesu kɔhyɛnee Yeriko sɛ ɔretwam.

2 Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Sakeo a ɔyɛ togyeni panin na ɔyɛ ɔdefoɔ.

3 Na ɔrehwehwɛ Yesu ahunu ne nipaban, nanso nkurɔfokuo no nti ɔntumi, ɛfiri sɛ ɔyɛ akwatia.

4 Na ɔtutuu mmirika dii kan kɔforoo akyee dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; ɛfiri sɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa.

5 Na Yesu duruu hɔ no, ɔmaa n’ani so hunuu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Sakeo, yɛ ntɛm si fam! Na wo fie na ɛsɛ sɛ metena nnɛ.

6 Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde anigyeɛ bɛgyee no.

7 Na nkurɔfokuo no hunuiɛ no, wɔn nyinaa nwiinwii kaa sɛ: Ɔrekɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ debɔneyɛni.

8 Na Sakeo gyina ka kyerɛɛ Awurade sɛ: Ao, Awurade, mede m’ahodeɛ fa mekyɛ ahiafoɔ, na sɛ menam nkontompo so magye obi biribi a, mebɔ ho mprɛnnan metua ka.

9 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ:Apa ara, ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba fie yi mu, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.

10 Na Onipa Ba no baa sɛ ɔrebɛhwehwɛ na wabɛgye deɛ ayera.

Mmɛnnaa du

11 Na wɔretie yeinom no, ɔtoaa so buu bɛ bi, ɛfiri sɛ na wabɛn Yerusalem, na nkurɔfokuo no susuu sɛ Nyankopɔn ahennie rebɛyi ne ho adi amonom hɔ ara. Enti Yesu kaa sɛ:

12 Ɔdehyeɛ bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekɔgye n’ahennie na wasane aba.

13 Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaadu maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkɔsi sɛ mɛba.

14 Na ne manfoɔ tane no, na wɔsomaa abɔfoɔ dii n’akyiri sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.

15 Na ɛbaa sɛ ɔnyaa ahennie no na ɔsane baeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na ɔnhunu deɛ obiara adi dwa anya.

16 Na deɛ ɔdi kan no ba bɛkaa sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa du aka ho.

17 Na ɔsee no sɛ: Wiɛ, akoa pa, sɛ woadi ketewa mu nokorɛ nti, di nkuro du so tumi!

18 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no ba bɛkaa sɛ: Owura, wo bɛnnaa no awo mmɛnnaa nnum.

19 Na ɔsee oyi nso sɛ: Wo nso di nkuro nnum so!

20 Na ɔfoforɔ no ba bɛkaa sɛ: Owura, hwɛ, wo bɛnnaa a mede mehyɛɛ duku mu no nie.

21 Na mesuroo wo, ɛfiri sɛ woyɛ onipa a woyɛ den, wofa deɛ womfa ntoo hɔ, na wotwa deɛ wonguiɛ.

22 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ,

23 na adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea, na meba a, mabɛgye m’adeɛ ne ɛho nsiho?

24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔgyina nkyɛn no sɛ: Monnye ne nsam bɛnnaa no, na momfa nkɔma deɛ ɔwɔ mmɛnnaa du no.

25 (Na wɔsee no sɛ: Owura, ɔwɔ mmɛnnaa du!)

26 Na mese mo sɛ: Obiara a ɔwɔ no wɔbɛma no; na deɛ ɔnnie no, deɛ ɔwɔ mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.

27 Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!

28 Na ɔwiee yeinom ka no, ɔsene dii kan sɛ ɔrekɔ Yerusalem.

Wɔfɛm afunumu ba

29 Na ɛbaa sɛ ɔbɛnee Betfage ne Betania bepɔ a wɔfrɛ no Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu

30 sɛ:Monkɔ akuraa a ɛda mo anim yi ase, na mohyɛne hɔ a, mobɛhunu afunumu ba a wɔasa no a onipa biara ntenaa ne so da; monsane no mmra ha!

31 Na sɛ obi bisa mo sɛ: Ɛdeɛn nti na moresane no a, monka sɛ: Ne ho hia Awurade.

32 Na wɔn a wɔsomaa wɔn no kɔe, kɔhunuu sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no ara.

33 Na wɔresane afunumu ba no no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na moresane afunumu ba no?

34 Na wɔkaa sɛ: Ne ho hia Awurade.

Yesu hyɛne Yerusalem

35 Na wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu; na wɔde wɔn ntoma guu no so, na wɔde Yesu tenaa so.

36 Na ɔrekorɔ no, wɔde wɔn ntoma sesɛɛ kwan mu.

37 Na ɔbɛnee deɛ wɔrebɛsiane Ngo Bepɔ no, asuafoɔ dɔm no nyinaa ani firii aseɛ gyee, na wɔde nne kɛseɛ yii Onyankopɔn ayɛ wɔ ahoɔdenneɛ a wɔahunu nyinaa nti

38 sɛ:

Nhyira ne ɔhene

a ɔnam Awurade din mu reba no!

Asomdwoeɛ wɔ soro,

na animuonyam wɔ sorosoro nohoa!

39 Na Farisifoɔ no mu bi a wɔwɔ nkurɔfokuo no mu ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, ka w’asuafoɔ no anim!

40 Na ɔbua see wɔn sɛ:Mese mo sɛ: Yeinom mua wɔn ano a, anka aboɔ mpo bɛteam.

Yesu su gu kuro no so

41 Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:

42 Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wonim deɛ ɛfa asomdwoeɛ ho a, anka ɛyɛ. Nanso afei, wɔde ahunta wo.

43 Na nna bi bɛba wo so a w’atamfo bɛbɔ wo ho pie, na wɔatwa wo ho kɔntɔnkrɔn, na wɔaka wo ahyɛ mu baabiara,

44 na wɔadwiri wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennya wo mu boɔ ɔboɔ so, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔdom bɛhwɛɛ woɔ no.

Ɔpamm adwadifoɔ firii asɔrefie

45 Na Yesu kɔɔ asɔrefie no, ɔfirii aseɛ pamm wɔn a wɔtɔn adeɛ wɔ hɔ no

46 see wɔn sɛ:Wɔatwerɛ sɛ:

Me fie yɛ mpaebɔ fie;

na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.

47 Na daa ɔkyerɛkyerɛɛ asɔrefie hɔ; na na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne ɔman no mu atitire rehwehwɛ no aku no.

48 Na wɔanhunu deɛ wɔbɛyɛ; ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 + 20 =