Romafoɔ 1

Nkyea 1 Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ na wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa 2 a ɔnam n’adiyifoɔ so hyɛɛ ho bɔ siee atwerɛ nsɛm kronkron no mu, 3 wɔ ne ba a honam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho; 4 na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ […]

Romafoɔ 2

Onyankopɔn tenenee atemmuo no 1 Enti wo onipa biara a wobu atɛn no, anoyie biara nni hɔ mma wo; ɛfiri sɛ deɛ wobu obi atɛn wɔ mu no, wobu wo ara wo ho fɔ, ɛfiri sɛ wo a wobu atɛn no woyɛ saa adeɛ no ara. 2 Nanso yɛnim sɛ Nyankopɔn atemmuo fa ne kwan […]

Romafoɔ 3

1 Afei ɛdeɛn na Yudani wɔ boro soɔ, anaasɛ twetiatwa ho mfasoɔ ne deɛn? 2 Ɛdɔɔso akwan ahodoɔ nyinaa mu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa. 3 Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie no bɛma Nyankopɔn gyidie no adane hunu anaa? 4 Dabi da, na […]

Romafoɔ 4

Wɔde Abraham yɛ mfatoho 1 Afei ɛdeɛn na yɛbɛka afa yɛn honam fam tete agya Abraham ho? 2 Na sɛ ɛfiri nnwuma mu na wɔbuu Abraham bem a, ɛnneɛ na ɔwɔ deɛ ɔde hoahoa ne ho, nanso ɛnyɛ Nyankopɔn anim. 3 Na ɛdeɛn na twerɛ no seɛ? Abraham gyee Onyankopɔn diiɛ, na wɔbuu ɛno sɛ […]

Romafoɔ 5

Yɛn ne Onyankopɔn mu ateyie 1 Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ; 2 ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu. 3 Na ɛnyɛ yei […]

Romafoɔ 6

Kristo mu ayɔnkofa kum bɔne 1 Enti afei yɛbɛka sɛn? Yɛntena bɔne mu na adom no nnɔɔso anaa? 2 Dabi da, yɛn a yɛwu maa bɔne no, ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛkɔ so atena ase wɔ mu? 3 Anaasɛ monnim sɛ, yɛn mu dodoɔ a wɔbɔɔ yɛn asu kɔɔ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu […]

Romafoɔ 7

Owuo gye yɛn firi mmara ase 1 Anaasɛ, anuanom, monnim, na merekasa mekyerɛ wɔn a wɔnim mmara no, sɛ mmara di onipa so ne nkwa nna nyinaa anaa? 2 Na ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu aseɛ deɛ, wɔde mmara akyekyere no asa ne kunu, berɛ a ɔte aseɛ no; na sɛ ne kunu no wu […]

Romafoɔ 8

Honhom no mu nkwa 1 Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu. 2 Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu. 3 Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara […]

Romafoɔ 9

Onyankopɔn yi Israelfoɔ 1 Mereka nokorɛ no Kristo mu, menni atorɔ, na m’ahonim nso redi me adanseɛ Honhom Kronkron mu 2 sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu. 3 Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ, 4 na wɔyɛ […]

Romafoɔ 10

1 Anuanom, m’akoma mu adeɛ a mepɛ, ne me nkoto a mekoto mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ, wɔbɛnya nkwa. 2 Na medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Nyankopɔn ho mmɔdemmɔ deɛ, nanso wɔnni no nimdeɛ mu. 3 Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho […]