Kwadwom 1

Yerusalem sɛeɛ ne n’ahohora 1 Ao, kuro a anka emu nkurɔfoɔ dɔɔso no, ɔno nko ara te hɔ sɛn nie! Deɛ anka ɔso amanaman mu no, wayɛ sɛ okunafoɔ. Deɛ ɔdi nsase ahodoɔ so hemmaa no, wayɛ deɛ ɔyi toɔ. 2 Esu ara na ɔsu anadwo, na nisuo sensane n’afono ho. Ɔnnya n’adɔfo nyinaa mu […]

Kwadwom 2

Nyankopɔn abufuo asɛe Sion 1 Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no. 2 AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa, wanhu wɔn mmɔbɔ. Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den, n’anibereɛ mu, ama no aka fam. Wagu […]

Kwadwom 4

Yuda mmɔborɔ asetena ne n’animtiabuo 1 Ao, sɛ sika abiri tumm, hyerɛmmoɔ pa no asakyera nie! Wɔatoto kronkronbea aboɔ no agu mmorɔno nyinaa so. 2 Sion mma a wɔn boɔ yɛ den a wɔde sika amapa kari wɔn no, ɛsii sɛn na wɔbuu wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma yi? 3 Ɛserɛ so […]

Kwadwom 5

Adom ne mmoa ho adesrɛ 1 AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ, hwɛ na hunu yɛn ahohora! 2 Yɛn agyapadeɛ adane ahɔhoɔ deɛ, yɛn afie ayɛ ananafoɔ deɛ; 3 yɛadanedane nwisiaa ne nnyanka, yɛn nanom te sɛ akunafoɔ. 4 Nsuo a yɛnom, yɛtua ka, yɛn nnyina nso, wɔtɔn ma yɛn. 5 Wɔkura yɛn kɔn akyi […]