1 Samuel 24

Yie a Dawid yɛɛ Saulo 1 Na Saulo sane firii Filistifoɔ akyi baeɛ no, wɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ En-gedi serɛ so. 2 Ɛnna Saulo faa mmarima mpensa a wɔayi wɔn afiri Israel nyinaa mu, na ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne nnipa no Nkakragya Abotan soɔ. 3 Na ɔduruu nnwammuo a ɛwɔ […]

1 Samuel 20

Yonatan dwodwo n’agya 1 Na Dawid dwane firii Naiot wɔ Rama, na ɔba bɛkaa no Yonatan anim sɛ: Ɛdeɛn na mayɛ? M’amumuyɛ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn wɔ w’agya anim a enti ɔrehwehwɛ me aku me yi? 2 Na Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu; hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛseɛ anaa […]

1 Samuel 1

Samuel awoɔ 1 Na Efratini barima bi wɔ hɔ a ɔfiri Ramataim-sofim, Efraim bepɔ soɔ a ne din de Elkana, Suf ba Tohu ba Elihu ba Yeroham ba. 2 Na ɔwɔ yerenom baanu, ɔbaako din de Hana, na ɔbaako din de Penina. Na Penina wɔ mma, nanso Hana deɛ, na ɔnni ba. 3 Daa afe […]

1 Samuel 2

Hana ayeyie dwom 1 Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu. 2 Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn. 3 Monnkasa ahantan kasa bebree saa, […]

1 Samuel 3

AWURADE yi ne ho adi kyerɛ Samuel 1 Na abɔfra Samuel som AWURADE, Eli anim. Na AWURADE asɛm ho yɛ na nna no mu, na anisoadehunu ntaa mma. 2 Na ɛberɛ no mu, ɛbaa sɛ da bi a Eli da ne daberɛ no, — nso na n’ani afiri aseɛ ayɛ kusukusu a ɔnhunu adeɛ yie, […]

1 Samuel 4

Israelfoɔ di nkoguo 1 Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek. 2 Na Filistifoɔ no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛe, na Israel dii nkoguo Filistifoɔ no anim, na wɔkumm mpasua no […]

1 Samuel 5

Nyankopɔn adaka no si Dagon fie 1 Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod. 2 Na Filistifoɔ no de Nyankopɔn adaka no kɔɔ Dagon fie, na wɔde kɔsii Dagon nkyɛn. 3 Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE […]

1 Samuel 6

Wɔde Nyankopɔn adaka no sane brɛ Israelfoɔ 1 AWURADE adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson. 2 Ɛnna Filistifoɔ frɛfrɛɛ asɔfoɔ ne akɔmfoɔ sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn adekodeɛ a yɛmfa nka ho nkɔ ne siberɛ. 3 Na wɔkaa sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa […]

1 Samuel 7

1 Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so. Israelfoɔ ahonu wɔ Mispa 2 Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛree wɔ hɔ; ɛdii mfirinhyia aduonu. Na Israel fie nyinaa dii abooboo hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan. 3 […]