Ɔsɛnkafoɔ 1

Wiase adeɛ nyinaa yɛ adeɛ huhuo 1 Dawid ba Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene a ɔwɔ Yerusalem no nsɛm nie. 2 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ; ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo. 3 Mfasoɔ bɛn na onipa nya ne brɛ a ɔbrɛ owia yi ase nyinaa mu? 4 Awoɔ ntoatoasoɔ kɔ, na awoɔ ntoatoasoɔ ba, na […]

Ɔsɛnkafoɔ 2

Anigyeɛ ne adwuma yɛ adehuhuo 1 Mekaa no m’akomam sɛ: Bra na memfa anigyeɛ mensɔ wo nhwɛ; gye w’ani! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhudeɛ. 2 Mekaa wɔ ɔsereɛ ho sɛ: Ɛyɛ adammɔ! Na mekaa wɔ anigyeɛ ho sɛ: Ɛdeɛn na wɔnya firii mu? 3 Mepeepee m’akomam sɛ mede nsa bɛsɛpɛ me ho, na masɔ […]

Ɔsɛnkafoɔ 5

Ahodasoɔ ne Nyankopɔn anim ahobrɛaseɛ 1 Sɛ worekɔ Nyankopɔn fie a, wɛn wo nan, na wobɛn kɔtie a, ɛyɛ sene nkwaseafoɔ afɔrebɔ; na wɔn deɛ, wɔnnim sɛ wɔreyɛ bɔne. 2 Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase […]

Ɔsɛnkafoɔ 6

Ahonyadeɛ ne animuonyam nso yɛ ahuhudeɛ 1 Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu owia aseɛ, na ɛdɔɔso nnipa so: 2 Obi a Onyankopɔn ama no ahonyadeɛ ne adedodoɔ ne animuonyam, na deɛ ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ ɔnni bie, na ɔnanani bi na ɔdie, yei […]

Ɔsɛnkafoɔ 8

Nnisoɔ ho setie 1 Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ no, na hwan na ɔnim asɛm ase kyerɛ? Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn, na n’anim denyɛ sakyera. 2 MeseDi ɔhene anomu asɛm so, na ɛsiane Onyankopɔn ntam a woaka no nti, ɛmma no nnha wo; 3 firi n’anim kɔ; sɛ asɛm no nyɛ dɛ a, ntwentwɛn […]

Ɔsɛnkafoɔ 10

Nyansa ho mmɛ ahodoɔ 1 Nwansena funu ma odufrani aduro bɔn na ɛporɔ, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sene nyansa ne animuonyam. 2 Onyansafoɔ akoma wɔ ne nifa mu, na ɔkwasea akoma wɔ ne benkum mu. 3 Nanso ɔkwan biara a ɔkwasea fa soɔ no, nteaseɛ bɔ no, na ɔka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ ɔyɛ […]