Sakaria 1

Ahonu ho kɔkɔbɔ 1 Dario afe a ɛtɔ so mmienu no, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Sakaria a ɔyɛ Berekia ba Ido ba nkyɛn, sɛ: 2 Abohuro na AWURADE bo huru tiaa mo agyanom. 3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mmra me nkyɛn, […]

Sakaria 2

Onipa a ɔkura susuhoma no 1 Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na ɔbarima bi a susuhoma kura ne nsam nie. 2 Na mebisaa sɛ: Ɛhe na worekorɔ? Na ɔbuaa see me sɛ: Merekɔ makɔsusu Yerusalem mahwɛ sɛdeɛ ne trɛ ne ne ntwemu teɛ. 3 Na hwɛ, ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no firii […]

Sakaria 3

Wɔdom ɔsɔfo panin no 1 Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano. 2 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Satan sɛ: AWURADE ntwi w’anim, Satan, na AWURADE a wayi Yerusalem no ntwi w’anim! Oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afiri ogya mu? 3 Nso […]

Sakaria 4

Kaneadua ho anisoadehunu 1 Na ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sane bae, ɔbɛnyanee me sɛ onipa a wɔnyane no firi ne nna mu, 2 na ɔbisaa me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu kaneadua a ne nyinaa yɛ sika, na ne ngo toa tae atifi, na ne nkanea nson wowɔ soɔ, adorobɛn […]

Sakaria 5

Nwoma mmobɔeɛ 1 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo nie. 2 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdeɛn na wohunu yi? Na mese: Mehunu nwoma mmobɔeɛ a ɛtuo, ne tentene basafa du, na ne trɛ basafa nnum. 3 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yei ne nnome a ɛfiri adi […]

Sakaria 6

Nteaseɛnam nnan no 1 Na mesane memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na nteaseɛnam nnan firi mmepɔ mmienu no ntam reba, na mmepɔ no yɛ kɔbere mfrafraeɛ mmepɔ. 2 Teaseɛnam a ɛdi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu no, apɔnkɔbire na ɛwɔ ho, 3 na teaseɛnam a ɛtɔ […]

Sakaria 7

Akɔnkyene ho asɛmmisa 1 Na Ɔhene Dario afe a ɛtɔ so nnan mu no, AWURADE asɛm baa Sakaria nkyɛn, bosome a ɛtɔ so nkron a ɛne Kislew no da a ɛtɔ so nnan. 2 Na Betelfoɔ somaa Sareser ne Regem-Melek ne ne nnipa baa sɛ wɔmmɛkoto nsrɛ AWURADE anim, 3 na wɔmmisa asafo AWURADE fie […]

Sakaria 8

Yerusalem daakye nkwagyeɛ 1 Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Metwe Sion ho ninkunu kɛseɛ, na anibereɛ kɛseɛ na mede metwe ne ho ninkunu. 3 Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso […]

Sakaria 9

Amanaman asebrɛ 1 Yei ne AWURADE asɛm: AWURADE atemmusɛm bɛtena Hadrak asase so ne Damasko mu. Na sɛdeɛ Israel mmusuakuo yɛ AWURADE dea no, saa ara na Aram nkuropɔn nso yɛ ne dea. 2 Na saa ara nso na ɔbɛyɛ Hamat a ɔtoa soɔ no, Tiro ne Sidon, sɛ wosusu sɛ wɔnim nyansa mpo a. […]

Sakaria 10

Ɔman no ahofadie ne ne nhyira 1 Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane. 2 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfoɔ no hunuu atorosɛm na wɔyii daeɛ hunu, wɔde adehuhuo kyekyeree onipa werɛ. Ɛno nti ɔman […]