Sefania 1

AWURADE atemmuo da no 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba nkyɛn, Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ soɔ nie. 2 Pra na mɛpra ade nyinaa afiri asase ani akorɔ, AWURADE asɛm nie. 3 Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra ewiem nnomaa ne ɛpo mu […]

Sefania 2

Monsakyera mo adwene 1 Monka mo ho mmoa ano, aane, monka mmoa ano, ɔman a mo ani nwu asɛm! 2 Mommma ɔsɛeɛ da no mmma ansa, da no resene aba sɛ ntɛtɛ, mommma AWURADE abufuhyeɛ no mmma mo so ansa, aane, mommma AWURADE abufuo da no mmma mo so ansa. 3 Monhwehwɛ AWURADE, asase sofoɔ […]

Sefania 3

Yerusalem mmɔborɔ asetena 1 Due, atuateɛ kuro a wɔagu ho fi, nhyɛsofoɔ kuro. 2 Wantie AWURADE asɛm, wannye nkyerɛkyerɛ, wamfa ne ho anto AWURADE so, wammɛn ne Nyankopɔn. 3 Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufoɔ nso yɛ anwummerɛ mpataku, wɔnnya biribi nkɔsi anɔpa. 4 N’adiyifoɔ yɛ ahohoahoafoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ ara nko, n’asɔfoɔ gu kronkronbea ho […]