1 Korintofoɔ 8

Aduane a wɔde ma Abosom 1 Na abosom afɔrebɔdeɛ ho deɛ, yɛnim sɛ yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahomasoɔ, na ɔdɔ deɛ ɛma nkɔsoɔ. 2 Na sɛ ɛyɛ obi sɛ ɔnim biribi a, ɔnnya nhunuu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɔhunu. 3 Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no. 4 Na abosom afɔrebɔdeɛ […]