1 Petro 1

Nkyea 1 Petro, Yesu Kristo somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔahwete kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia no mu, amamfrafoɔ a wɔayi wɔn, 2 sɛdeɛ Agya Nyankopɔn nim a ɔnim dada no teɛ no, wɔ honhom ahoteɛ mu, de kɔ asoɔmmerɛ ne Yesu Kristo mogya dwira mu: Adom ne asomdwoeɛ mmorosoɔ nka mo. Anidasoɔ […]

1 Petro 2

Ɔboɔ a nkwa wɔ mu ne Ɔman kronkron 1 Enti monyiyi bɔnepɛ nyinaa ne nnaadaa nyinaa ne nyaatwomyɛ ne nitan ne nsekuro nyinaa nto ngu, 2 na mompɛ asɛm no nufosuo kronkron mapa, sɛ nkɔkoaa a wɔawo wɔn seesei, na moanyini wɔ mu akɔ nkwagyeɛ mu, 3 berɛ a moaka ahwɛ sɛ Awurade yam yɛ. […]

1 Petro 3

Ɛyerenom ne kununom 1 Saa ara na mo, ɛyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ara mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɛyerenom abrabɔ a asɛm nni ho so anya wɔn, 2 sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho teɛ wɔ osuro mu. 3 Mommma mo ahyehyɛdeɛ nnyɛ honam ani deɛ, […]

1 Petro 4

Ofieahwɛfoɔ pa wɔ Onyankopɔn adom mu 1 Na afei, sɛ Kristo ahunu amane honam mu yi, mo nso momfa adwenkorɔ no ara mmia mo ho, (ɛfiri sɛ deɛ wahunu honam mu amaneɛ no agyae bɔneyɛ,) 2 na honam mu asetena berɛ a aka no, wantena ase amma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom watena ase ama […]

1 Petro 5

Nyankopɔn nnwankuo so hwɛ 1 Me a meyɛ ɔpanin bi ne Kristo amanehunu ho dansefoɔ ne animuonyam a wɔrebɛyi no adie no fafafoɔ nso, metu mpanimfoɔ a ɛwɔ mo mu no fo sɛ: 2 Monyɛne Nyankopɔn nnwankuo a wɔwɔ mo mu no. Monhwɛ wɔn so, ɛnyɛ ɔhyɛ so, na mmom ɔdɔ mu, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ; […]