Eksodɔs 1

Israelfoɔ amanehunu wɔ Misraim 1 Na yeinom ne Israel mma a wɔne Yakob baa Misraim no din. Wɔn mu biara ne ne fiefoɔ na ɛbaeɛ. 2 Ruben, Simeon, Lewi, Yuda, 3 Isakar, Sebulon, Benyamin, 4 Dan, Naftali, Gad ne Aser. 5 Na nnipa a wɔfiri Yakob asene mu nyinaa yɛ aduɔson. Na Yosef wɔ Misraim […]

Eksodɔs 2

Mose awoɔ 1 Na ɔbarima bi a ɔfiri Lewi fie kɔwaree Lewi babaa bi. 2 Na ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbarima; na ɔhunuu sɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siee abosome mmiɛnsa. 3 Na ɔntumi nkora no bio no, ɔfaa mmɛwa adaka bi de ama ne ɛhyɛ sraa ho, na ɔde abɔfra […]

Eksodɔs 3

Onyankopɔn frɛ Mose 1 Berɛ bi a Mose rehwɛ n’ase Yetro a ɔno ara ne Reuel, Midian sɔfoɔ nnwan no, ɔkaa wɔn de wɔn kɔɔ ɛserɛ no akyiri nohoa, kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho. 2 Na AWURADE bɔfoɔ bɛyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ bi mfimfini gyaframa mu, na Mose hwɛe, na hwɛ, […]

Eksodɔs 4

Onyankopɔn maa Mose tumi sononko 1 Na Mose buaa AWURADE sɛ: Na sɛ wɔannye me anni, na wɔantie me nne, na wɔka sɛ: AWURADE nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ! 2 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na ɛwɔ wo nsam yi? 3 Na ɔse: Poma. Na ɔse: To twene fam! Na ɔto […]

Eksodɔs 5

Mose ne Aaron kɔ Farao anim 1 Na yei akyi no, Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Ma me man nkɔ na wɔnkɔhyɛ fa mma me wɔ ɛserɛ so. 2 Na Farao se: Hwan ne AWURADE a mɛtie ne nne na mama Israel akorɔ? Mennim […]

Eksodɔs 6

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Afei ansa na worebɛhunu deɛ mɛyɛ Farao, ɛfiri sɛ mede nsa a ɛyɛ den bɛma wama wɔakɔ, na mede nsa a ɛyɛ den bɛma wapamo wɔn afiri n’asase so mpo. Onyankopɔn frɛ Mose 2 Na Onyankopɔn ne Mose kasae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE, 3 a […]

Eksodɔs 7

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, madane wo Onyankopɔn ama Farao, na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifoɔ. 2 Wo deɛ, wobɛka deɛ mehyɛ woɔ nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfoɔ mfiri n’asase so nkɔ. 3 Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ […]

Eksodɔs 8

Mponkyerɛne pii ba 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me. 2 Na sɛ woampene amma wɔankɔ a, hwɛ, mede mponkyerɛne bɛha w’asase nyinaa. 3 Na asuo no bɛdɔre mponkyerɛne pii, na wɔafoforo aba wo fie ne wo […]

Eksodɔs 9

Yaredɔm kunkum mmoa 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE, Hebrifoɔ Nyankopɔn no seɛ nie: Ma me man no nkɔ nkɔsom me. 2 Na sɛ woampene amma wɔankɔ na wokɔ so tintim wɔn so a, 3 hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wiram so, […]