Luka 16

Efiepanin oniteɛfoɔ no

1 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no nso sɛ:Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔwɔ efiepanin bi, na wɔkɔbɔɔ no kwaadu sɛ ɔsɛe n’adeɛ.

2 Na ɔfrɛɛ no see no sɛ: Ɛdeɛn na mete no wo ho yi? Bɛbu wo paninnie ho nkonta, na worenni panin bio.

3 Na efiepanin no kaa ne tirim sɛ: Menyɛ dɛn? Ɛfiri sɛ me wura rebɛgye me paninnie afiri me nsam. Menni ahoɔden a mede mɛtutuo, na ahwa nso yɛ me aniwuo.

4 Aane, mahunu deɛ mɛyɛ, na wɔtu me firi me paninnie so a, wɔagye me akɔ wɔn afie.

5 Na ɔfrɛɛ ne wura adefirifoɔ nyinaa mmaako mmaako baa ne nkyɛn see deɛ ɔdi kan no sɛ: Wode me wura ɛka ahe?

6 Na ɔse: Ngohina ɔha. Na ɔsee no sɛ: Gye wo nwoma, na tena ase ntɛm twerɛ aduonum!

7 Ɛnna ɔsee ɔfoforɔ sɛ: Na wo nso, ɛka ahe na wodeɛ? Na ɔse: Mede ayuo nkotokuo ɔha. Na ɔsee no sɛ: Fa wo nwoma na twerɛ aduɔwɔtwe!

8 Na owura no kamfoo efiepanin oniteɛfoɔ no sɛ wadi no nyansam; yei mpo kyerɛ sɛ, wiase yi mma wɔ nyansa sene hann mma wɔn mfɛfoɔ mu.

Ahonyadeɛ kwan pa

9 Na me nso mese mo sɛ, momfa ahonyadeɛa ɛntene no bi so nya nnamfoɔ, na sɛ ɛhia mo a, wɔagye mo akɔ daa afie no mu.

10 Deɛ ɔdi ade ketewa mu nokorɛ no di pii mu nokorɛ; na deɛ ɔntene adeɛ ketewa mu no, na ɔntene bebree mu nso.

11 Na enti sɛ moanni ahonyadeɛ a ɛntene no mu nokorɛ a, hwan na ɔde ahodeɛ pa no bɛhyɛ mo nsa?

12 Na sɛ moanni obi adeɛ mu nokorɛ a, hwan na ɔde mo deɛ bɛma mo?

Ɔsom afanu

13 Akoa biara ntumi nsom awuranom baanu. Na ɔbɛtane ɔbaako, na wadɔ ɔbaako no, anaasɛ ɔbɛbata ɔbaako ho, na wabu ɔbaako no animtia. Montumi nsom Onyankopɔn ne ahonyadeɛ.

Yesu ka Farisifoɔ anim

14 Na Farisifoɔ no a wɔyɛ sikapɛfoɔ tee yeinom nyinaa; na wɔseree no.

15 Na ɔsee wɔn sɛ:Moyɛ wɔn a wɔbu wɔn ho bem nnipa anim, nanso Onyankopɔn deɛ, ɔnim mo akoma mu. Na deɛ ɛyɛ kɛseɛ nnipa mu no yɛ akyiwadeɛ Nyankopɔn anim.

16 Mmara ne adiyifoɔ no bɛpem Yohane so; na ɛfiri ɛno soɔ no, wɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa, na obiara nam anibereɛ so kɔ mu.

17 Na ɛyɛ mmerɛ sɛ ɔsoro ne asase bɛtwam sene sɛ mmara no ho nsensaneeɛ ketewa baako bɛtɔ.

18 Obiara a ɔgyae ne yere na ɔware ɔfoforɔ no sɛe awadeɛ; na obiara a ɔware deɛ ne kunu agyae no no sɛe awadeɛ.

Ɔdefoɔ ne ohiani no

19 Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.

20 Na ohiani bi a watutu akuro nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’aboboano.

21 Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔdi mporoporowa a ɛfiri ɔdefoɔ no pono soɔ agu fam no meeɛ; nanso akraman ba bɛtaferee n’akuro mu.

22 Na ɛbaa sɛ ohiani no wui, na abɔfoɔ bɛsoaa no kɔɔ Abraham kokom. Na ɔdefoɔ no nso wui, na wɔsiee no.

23 Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom.

24 Na ɔteaa mu sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu.

25 Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no, wonyaa ahotɔ, na Lasaro nso deɛ, ɔhunuu amane; afei na ne werɛ akyekyerɛ, na wo nso, worehunu amaneɛ.

26 Na yei nyinaa nna nkyɛn, eku kɛseɛ da yɛne mo ntam a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha yi ba mo nkyɛn ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ nohoa ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.

27 Na ɔse: Ɛnneɛ, agya mesrɛ wo sɛ, soma no ma no nkɔ m’agya fie;

28 na mewɔ nuammarimanom baanum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ, na wɔn nso amma aninyanneɛ mu ha yi bi.

29 Na Abraham kaa sɛ: Wɔwɔ Mose ne adiyifoɔ no; ma wɔntie wɔn!

30 Na ɔse: Dabi, agya Abraham, na sɛ obi firi awufoɔ mu kɔ wɔn nkyɛn a, ɛnna wɔbɛsakyera wɔn adwene.

31 Na ɔsee no sɛ: Sɛ wɔantie Mose ne adiyifoɔ no a, obi firi awufoɔ mu sɔre mpo a, wɔrennye no nni.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

one × one =