Luka 11

Awurade mpaebɔ

1 Na ɛbaa sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ na ɔgyaeeɛ no, n’asuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no.

2 Na ɔsee wɔn sɛ:Mobɔ mpaeɛ a, monka sɛ:

Agya, wo din ho nte,

w’ahennie mmra.

3 Ma yɛn yɛn daa aduane daa!

4 Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn,

ɛfiri sɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka.

Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!

Daa mpaebɔ

5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Mo mu hwan na ɔwɔ adamfoɔ, na ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasuo mu akɔka akyerɛ no sɛ: Damfo, fɛm me paanoo mmiɛnsa,

6 na m’adamfo bi firi kwan so aba me nkyɛn, na mennya biribi memma no.

7 Na ɔfiri mu nohoa bɛbua no sɛ: Nha me, na wɔato pono mu, na me mma wɔ me nkyɛn wɔ mpa so, na merentumi mensɔre mmɛma wo.

8 Mese mo sɛ: Adamfoɔ nko mu deɛ a, anka ɔrensɔre mmɛma no; na n’aniɛden nti ɔbɛsɔre abɛma no dodoɔ a ɛhia no.

Bɔhyɛ ahodoɔ mmiɛnsa

9 Nso mese mo sɛ: Mommisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mobɛhunu; mommom, na wɔbɛhini mo.

10 Na obiara a ɔbisa no, ɔnya; na deɛ ɔhwehwɛ no, ɔhunu; na deɛ ɔbɔ mu no, wɔbɛhini no.

11 Na mo mu hwan na ɔyɛ agya, na ne ba bisa no (paanoo a, ɔbɛma no ɔboɔ? Anaasɛ nso ɔbisa no) apataa a, ɔde ɔwɔ bɛyɛ apataa ama no?

12 Anaasɛ nso ɔbisa kosua a, ɔbɛma no nyanyankyerɛ?

13 Na sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ nim sɛdeɛ mode nnepa ma mo mma a, mprɛ ahe ara na mo Agya a ɔwɔ soro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wɔbisa no?

Nkɔnkɔnsa bi ho mmuaeɛ

14 Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbaa sɛ honhommɔne no firii adie no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa.

15 Na wɔn mu binom kaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin Beelsebul so na ɔtu ahonhommɔne.

16 Na ebinom sɔɔ no hwɛe hwehwɛɛ ne nkyɛn nsɛnkyerɛnneɛ bi a ɛfiri soro.

17 Nanso na ɔnim wɔn adwene nti, ɔsee wɔn sɛ:Ahennie biara a ɛne ne ho di mpaepaemu no dane amamfo, na efie ne fie a ɛdi mpaepaemu no nso bɔ.

18 Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaepaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? Sɛ mose: Menam Beelsebul so na metu ahonhommɔne.

19 Na sɛ menam Beelsebul so na metu ahonhommɔne a, hwan so na mo mma nam tu wɔn? Enti wɔbɛyɛ mo atemmufoɔ.

20 Na sɛ mede Nyankopɔn nsateaa metu ahonhommɔne a, ɛnneɛ na Nyankopɔn ahennie aba mo so.

Ɔbonsam tumi so nkonimdie

21 Sɛ ɔhoɔdenfoɔ amia rewɛn ne fie a, n’ahodeɛ wɔ hɔ komm.

22 Na sɛ deɛ ɔsene no ahoɔden ba ne so na ɔdi ne so nkonim a, ɔgye n’akodeɛ a n’ani da soɔ no, na ɔkyɛ n’asadeɛ mu.

23 Deɛ ɔnka me ho no, na ɔne me anya; na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.

Aniani ha adeyɛ nkyɛ

24 Sɛ honhom fi firi onipa mu a, ɔkɔkyinkyini akwaweɛ so, hwehwɛ ɔhome; na ɔnnya bi a, ɔse: Mɛsane makɔ me dan a mefiri mu mebaeɛ no mu.

25 Na ɔba a, ɔbɛhunu sɛ wɔaprapra mu na wɔahyehyɛ mu.

26 Afei ɔkɔ kɔfa ahonhom foforɔ nson a wɔyɛ bɔne sene ɔno ara ka ne ho, na wɔbɛhyɛne mu a, wɔtena hɔ; na onipa no akyire asetena yɛ bɔne sene kane deɛ no.

Ɔsetie

27 Na ɛbaa sɛ ɔreka yeinom no, ɔbaa bi a ɔwɔ nkurɔfokuo no mu maa ne nne so ka kyerɛɛ no sɛ: Nhyira ne yafunu a ɛwoo woɔ ne nufoɔ a wonumiiɛ!

28 Na ɔno deɛ, ɔkaa sɛ:Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!

Yudafoɔ fɔdie kyɛne amanaman mufoɔ deɛ

29 Na nkurɔfoɔ akuakuo no boaboaa wɔn ano pitipiti no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ:Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, nanso wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no.

30 Na sɛdeɛ Yona yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ maa Ninewefoɔ no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ama nnɛ mma yi.

31 Anafoɔ hemmaa no ne nnɛ mma yi mu mmarima bɛsɔre atemmuo no mu, na wabu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano nohoa bɛtiee Salomo nyansa. Na hwɛ, deɛ ɔsene Salomo wɔ ha.

32 Ninewe mmarima ne nnɛ mma yi bɛsɔre atemmuo no mu, na wɔabu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ Yona asɛnka no nti, wɔsakyeraa wɔn adwene. Na hwɛ, deɛ ɔsene Yona wɔ ha yi.

Kanea adwuma

33 Obi nsɔ kanea mfa nhyɛ kokoam anaa kodoɔ ase, na ɔde si kaneadua so, na wɔn a wɔba mu no ahunu ne hran.

34 Wo nipadua kanea ne w’ani. Enti sɛ w’ani yɛ a, wo nipadua nyinaa nso bɛyɛ hann; na sɛ ɛnyɛ a, wo nipadua nso bɛyɛ kusuu.

35 Enti hwɛ yie, na hann a ɛwɔ wo mu no annane sum.

36 Enti sɛ wo nipadua nyinaa yɛ hann na baabiara nni sum a, ne nyinaa bɛyɛ hann, sɛdeɛ kanea de ne hyerɛn ma wo hann no.

Farisini bi fie adidie

37 Na ɔrekasa no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no nkɔdidi; na ɔkɔɔ mu kɔtenaa ase.

38 Na Farisini no hunuu sɛ wanhohoro ne nsa ansa na ɔdidiiɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa.

39 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ:Afei mo Farisifoɔ deɛ, mohohoro kuruwa ne ayowa ho; na mo mu deɛ, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma.

40 Nkwaseafoɔ! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire no na ɔyɛɛ emu nso?

41 Na hwɛ, deɛ ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔeɛ; ɛno na ne nyinaa ho bɛfiri ama mo.

42 Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.

43 Mo Farisifoɔ, monnue, sɛ mopɛ mpanimfoɔ tenaberɛ wɔ hyia adan mu ne edwa mu nkyea.

44 Monnue sɛ mote sɛ nnamena a ɛnna adie, na nnipa a wɔnam soɔ no nhunu.

45 Na mmarakyerɛfoɔ no mu baako buaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, woka saa a, na worebɔ yɛn nso adapaa.

46 Na ɔkaa sɛ:Mo mmarakyerɛfoɔ nso, monnue sɛ mode nnesoa a ne soa yɛ ya soa nnipa, na mo ankasa deɛ, momfa mo nsateaa mu baako mpo nka nnesoa no.

47 Monnue sɛ moto adiyifoɔ a mo agyanom na ekumm wɔn nna soɔ.

48 Sɛdeɛ modi mo agyanom nnwuma ho adanseɛ na mopene ne no, sɛ wɔn na wɔkumm wɔn, na mo nso na moto wɔn nna soɔ.

49 Yei nti nso na Nyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,

50 na wɔahwehwɛ adiyifoɔ nyinaa mogya a wɔhwie guiɛ firi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam,

51 ɛfiri Habel mogya so de kɔsi Sakaria a ɔtɔɔ afɔrebukyia ne asɔredan ntam no mogya so. Aane, mese mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.

52 Mo mmarakyerɛfoɔ, monnue sɛ moafa nimdeɛ safoa; mo ara moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, mosii wɔn kwan.

53 Na ɔfiri hɔ kɔeɛ no, Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no fitii aseɛ hyɛɛ no so pii, na wɔhyɛɛ no kasa wɔ nsɛm bebree ho,

54 na wɔtɛɛ no hwehwɛɛ sɛ wɔbɛnya n’anom asɛm bi.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − 13 =