Yohane 1

Nkwa Farebae no bɛyɛɛ honam 1 Mfitiaseɛ no, na Nkwa Farebaeno wɔ hɔ, na Nkwa Farebae no ne Onyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Nkwa Farebae no ara ne Nyankopɔn. 2 Ɔno ara na mfitiaseɛ no na ɔne Onyankopɔn wɔ hɔ. 3 Ɛnam ne so na wɔyɛɛ nnoɔma nyinaa, na wɔankwati no anyɛ biribiara a wɔyɛeɛ. […]

Yohane 2

Kana ayeforɔhyia 1 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ. 2 Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase. 3 Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wɔnni nsa. 4 Yesu see no sɛ:Ɔbaa, […]

Yohane 3

Nikodemo kɔsra Yesu 1 Na onipa bi firi Farisifoɔ mu wɔ hɔ a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafoɔ panin bi; 2 ɔno na ɔbaa Yesu nkyɛn anadwo, na ɔbɛsee no sɛ: Rabi, yɛnim sɛ wofiri Nyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛni; na obi ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a woyɛ yi, gye sɛ Onyankopɔn ka […]

Yohane 4

Yesu ne Samariani baa no 1 Afei Yesuhunuu sɛ Farisifoɔ ate sɛ: Ɔno Yesu renya asuafoɔ bebree, na ɔrebɔ nnipa pii asu sene Yohane. 2 Nso Yesu no ara deɛ, na ɔmmɔ asu, na mmom n’asuafoɔ no. 3 Ɔfirii Yudea, na ɔsii mu kɔɔ Galilea bio. 4 Na ɛtwa sɛ ɔfa Samaria. 5 Na afei […]

Yohane 5

Betesda obubuani no ayaresa 1 Yei akyiri no, Yudafoɔ afahyɛ duruiɛ, na Yesu kɔɔ Yerusalem. 2 Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum. 3 Na yeinom mu na nnipa pii, ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo deda [retwɛn […]

Yohane 6

Nnipa mpemnum aduanema 1 Yeinom akyiri no, Yesu sii mu kɔɔ Galilea po a ɛne Tiberia po no agya. 2 Na nkurɔfokuo kɛseɛ dii n’akyi, ɛfiri sɛ na wɔahunu nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛɛ no wɔn a wɔyareɛ ho. 3 Na Yesu kɔɔ bepɔ no so, na ɔne n’asuafoɔ no kɔtenaa hɔ. 4 Nso na Twam da […]

Yohane 7

Yesu nuanom 1 Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no. 2 Na Yudafoɔ Asesebɔ afahyɛ abɛn. 3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Firi ha kɔ Yudea, na w’asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no. 4 Na obi nyɛ […]

Yohane 8

Ɔbaa odwamammɔfoɔ bi 1 Na Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ no so. 2 Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. 3 Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no de ɔbaa bi a wɔakye no adwamammɔ mu bae; na wɔde no bɛgyinaa mfimfini no, 4 wɔka kyerɛɛ […]

Yohane 9

Onifirani bi adehunu 1 Na ɔretwam no, ɔhunuu onipa bi a n’ani afira firi n’awoɔ mu. 2 Na n’asuafoɔ bisaa no sɛ: Rabi, hwan na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’awofoɔ, sɛ wɔwoo no onifirani yi? 3 Yesu buaa sɛ:Ɛnyɛ oyi, anaa n’awofoɔ na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Nyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne mu […]

Yohane 10

Yesu ne Odwanhwɛfoɔ pa no 1 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ; 2 na deɛ ɔfa ɛpono ano kɔ mu no ne nnwan no hwɛfoɔ. 3 Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne […]