Daniel 2

Nebukadnessar daeɛso: Ohoni Mfrafraeɛ no 1 Na Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so mmienu no, ɔsosoo daeɛ bi, na ne honhom ho yeraa no, na n’ani soroe. 2 Ɛnna ɔhene kaa sɛ wɔnkɔfrɛ nkonyaayifoɔ, pɛadeahunufoɔ, ntafowayifoɔ ne Kaldeafoɔ mmra, na wɔmmɛkyerɛ ɔhene daeɛ no. Na wɔba bɛgyinaa ɔhene anim. 3 Na ɔhene ka kyerɛɛ wɔn […]

Daniel 1

1 Yudahene Yehoiakim afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Babelhene Nebukadnessar baa Yerusalem, na ɔbɛto hyɛɛ wɔn so. 2 Na AWURADE de Yudahene Yehoiakim ne Nyankopɔn fie nnoɔma no bi hyɛɛ ne nsa, na ɔsoa de kɔɔ n’anyame fie wɔ Sinar asase so; na ɔde nnwinneɛ no kɔɔ ne nyame adekoradan mu. 3 Na […]

Daniel 3

Nebukadnessar sika honi 1 Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sika honi a ne tentene yɛ basafa aduasa, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmiɛnsa. Ɔde sii Dura asaseta so wɔ Babel asase so. 2 Na Ɔhene Nebukadnessar somaa sɛ wɔnkɔhyiahyia amantam ahemfo, mmakoma ne amradofoɔ, atemmufoɔ mpanin, nsannaafoɔ, mmaratwerɛfoɔ, atemmufoɔ ne nsase no so atumfoɔ nyinaa sɛ wɔmmra […]

Daniel 4

Nebukadnessar daeɛso a ɛtɔ so mmienu 1 Me, Nebukadnessar, mete me fie dwoodwoo, na me ho tɔ me wɔ m’aban mu; 2 na mesoo daeɛ bi a ɛyii me hu, na me mpa so adwene ne m’anisoadehunu haa me. 3 Enti mehyɛɛ mmara sɛ wɔmfa Babel anyansafoɔ mmra m’anim, na wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase. […]

Daniel 5

Belsasar apontoɔ 1 Ɔhene Belsasar too n’aberempɔn a wɔyɛ nnipa apem ɛpono kɛseɛ, na wɔnomm nsa, wɔn anim. 2 Nsa no baa n’ani soɔ no, Belsasar kaa sɛ wɔmfa sika nnwinneɛ a n’agya Nebukadnessar akɔfa afiri asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu no mmra, na ɔhene ne n’aberempɔn, ne ne yerenom ne ne mpenafoɔ nnom […]

Daniel 6

1 Na Mediani Dario faa ahennie no, na wadi mfeɛ aduosia mmienu. Amradofoɔ no bo fu wɔ Daniel abasobɔ ho 2 Ɛsɔɔ Dario ani sɛ ɔde amantam ahemfo ɔha aduonu bɛsisi n’ahennie no soɔ, sɛ wɔnni ahemman no nyinaa so 3 ne wɔn so aberempɔn baasa a Daniel yɛ wɔn mu baako, sɛ amantam ahemfo […]

Daniel 7

Daniel daeɛso: Mmoa nnan no ho yikyerɛ 1 Babelhene Belsasar afe a ɛdi kan mu no, Daniel soo daeɛ bi na ɔhunuu ne tirim anisoadeɛ bi ne mpa so. Ɛnna ɔtwerɛɛ daeɛ no kaa nsɛm no mu ade titire. 2 Daniel firii aseɛ sɛ: Mehunuu m’ani so adeɛ anadwo, na hwɛ, ɔsoro mframa nnan tu […]

Daniel 8

Anisoadehunu no 1 Ɔhene Belsasar ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii anisoadehunu bi kyerɛɛ me, Daniel, akane deɛ a wɔyi kyerɛɛ me no akyi. 2 Na mehunuu no anisoadehunu no mu sɛ, na mewɔ Susa ahemfie a ɛwɔ Elam asase soɔ no mu. Na mehunuu no anisoadehunu no mu bio sɛ, na […]

Daniel 9

Daniel di ma ne nkurɔfoɔ 1 Akas-weros ba Dario a n’ase firi Media a ɔdii Kaldeafoɔ ahemman so hene no afe a ɛdi kan 2 a ɔbɛdii hene mu no, na me, Daniel, meredwendwen AWURADE asɛm a ɛbaa Odiyifoɔ Yeremia so sɛ ɔbɛma mfirinhyia aduɔson awie duru, Yerusalem amamfo soɔ no ho. 3 Na mede […]

Daniel 10

Ɔbɔfoɔ no ahoyie 1 Persiahene Kores afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel a wɔtoo ne din Beltesasar, na asɛm no yɛ nokorɛ, na ne nteaseɛ yɛ den, nanso ɔtee aseɛ ara, na ɔnyaa adehunu no mu nhunumu. 2 Nna no mu na me, Daniel, me werɛ hoo nnawɔtwe […]