Hiob 1

Hiob sɔhwɛ 1 Ɔbarima bi tenaa Us asase so a ne din de Hiob; na ɔbarima no di mu na ɔtene, na ɔsuro Onyankopɔn, na ɔyi ne ho firi bɔne ho. 2 Na ɔwoo mmammarima baason ne mmammaa baasa. 3 Na ɔwɔ nnwan mpem nson ne yoma mpensa ne anantwie mpamho ahanum ne mfunumu bereɛ […]

Hiob 2

Satan sane sɔ Hiob hwɛ 1 Na da bi nso Ɔsoro dɔm sane baa sɛ wɔrebɛgyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu baa sɛ ɔrebɛgyina AWURADE anim bi. 2 Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso anantenanteɛ na mereba. […]

Hiob 3

Hiob abooboodie 1 Yei akyiri no, Hiob buee n’ano na ɔdomee n’awoda. 2 Na Hiob kaa sɛ: 3 Ma ɛda a wɔwoo me mu no nyera, ne anadwo a ɛse: Wɔanyinsɛn ɔbabanin no. 4 Ɛda no nnuru sum, mma Onyankopɔn mmfiri soro mmmisa akyire kwan, na hann biara nnhyerɛn so. 5 Esum ne sunsum nnye […]

Hiob 4

Elifas asɛnka a ɛdi kan. Onyankopɔn ntwe deɛ ɔdi bem aso 1 Ɛnna Temanni Elifas bua see sɛ: 2 Sɛ obi pɛ sɛ ɔka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a, ɛbɛyɛ wo ahomete anaa? Nanso mpo twa ara na ɛtwa sɛ ɔka? 3 Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree, na nsa a agoɔ no, […]

Hiob 5

1 Frɛ ɛ, obi wɔ hɔ a ɔbɛbua woɔ? Na akronkronfoɔ mu hwan na wode bɛdan no? 2 Na ahisɛm kum agyimifoɔ, na ninkuntwe kum atetekwaa. 3 Me deɛ, mahunu ogyimifoɔ a ɔgyee nhini, nanso amonom hɔ ara na medomee ne tenabea; 4 ne mma ne nkwagyeɛ ntam twe, na wɔpɛkyɛ wɔn wɔ kuro pono […]

Hiob 6

Hiob su n’awerɛhoɔ, na ɔkasa tia ne nnamfo no denyɛ 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 O, sɛ anka wɔrekari m’awerɛhoɔ, na wɔde me yea nso agu nsania mu susu ɛ! 3 Ɛno deɛ anka ɛbɛsene mpoano anwea duru, enti na me nsɛm ayɛ hatuhatu yi, 4 na Otumfoɔ agyan tuatua me mu, me […]

Hiob 7

Nkwa afono Hiob 1 Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ na ne nna te sɛ ɔpaani nna? 2 Sɛ akoa pere onwunu ho ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no, 3 saa ara na wɔama madi abosome hunu, na wɔabu ɔhaw anadwo ama me. 4 Sɛ mekɔda a, meka sɛ: Da bɛn […]

Hiob 8

Bildad asɛnka a ɛdi kan. Ahonu de ahotɔ ba 1 Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ: 2 Ɛnkɔsi berɛ bɛn na wobɛka yeinom, na w’anomu nsɛm bɛyɛ sɛ mframa denden yi? 3 Onyankopɔn bɛkyea atemmuo anaasɛ Otumfoɔ bɛkyea tenenee? 4 Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a, wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam. […]

Hiob 9

Hiob mmuaeɛ. Obi ntumi ne Otumfoɔ nni asie 1 Na Hiob gyee so sɛ: 2 Ampa ara, menim sɛ ɛte saa, na ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn? 3 Sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no yiyi ano a, ɔntumi mmua no apem mu baako mpo. 4 Akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu hoɔdenfoɔ no, hwan na wasene […]

Hiob 10

1 Me nkwa yɛ me kra nwunu, mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu, mɛkasa m’awerɛhoɔ mu. 2 Mɛse Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ, ma menhunu adekodeɛ a enti wo ne me ham yi. 3 Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa, sɛ wopo wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ? 4 Wowɔ […]