Sirak 49

Yosia ne Afoforɔ binom a wɔfata 1 Yosia din te sɛ aduhwam mfrafraeɛ a aduhwamni de ne nimdeɛ asiesie; ne nkaeɛ yɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ obiara anomu, na ɛte sɛ dwom wɔ nsa apontoɔ ase. 2 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene sɛ ɔsakyeraa ɔman no, na ɔyii amumuyɛ akyiwadeɛ no firii hɔ. 3 Ɔde n’akoma […]

Sirak 12

1 Sɛ woyɛ papa a, hunu deɛ woyɛ ma no no, na wɔada wo ase wɔ wo nnwuma pa ho. 2 Yɛ onyamesuroni papa, na wobɛnya akatua, na sɛ amfiri wɔn nkyɛn mpo a, ɛbɛfiri Ɔsorosoroni no nkyɛn. 3 Biribi pa biara remma mma onipa a ɔkɔ so yɛ bɔne anaasɛ onipa a ɔnkyɛ mmɔborɔhunufoɔ […]

Adiyisɛm 15

Abɔfoɔ a wɔkurakura ɔhaw mmusuo a ɛtwa toɔ no 1 Na mehunuu nsɛnkyerɛnneɛ foforɔ bi a ɛso na ɛyɛ nwanwa ɔsoro: Abɔfoɔ baason a wɔkurakura ɔhaw mmusuo nson a ɛtwa toɔ a ɛno na ɛtwa Onyankopɔn abufuo no to. 2 Na mehunuu biribi a ɛte sɛ ahwehwɛ po a egya fra mu. Na wɔn a […]

Filipifoɔ 2

Onuadɔ 1 Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi, sɛ ɔdɔ awerɛkyekyerɛ bi, sɛ Honhom no ayɔnkofa bi, sɛ ayamhyehyeɛ ne ntimmɔborɔ bi wɔ hɔ a, 2 momma m’anigyeɛ nni mu sɛ mobɛdwene ade korɔ anya ɔdɔ korɔ, anokorɔ, ne adwenkorɔ. 3 Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom […]

Galatifoɔ 5

Mmara si Kristo kwan 1 Adehyedie mu na Kristo ama yɛade yɛn ho. Enti monnyina pintinn, na mommma wɔmmfa akoayɛ kɔnnua ntoatoa mo bio. 2 Hwɛ, me Paulo, mese mo sɛ wɔtwa mo twetia a, Kristo ho remma mfasoɔ biara mma mo. 3 Na medi adanseɛ bio mekyerɛ onipa biara a wɔatwa no twetia sɛ, […]

Marko 15

Wɔde Yesu kɔgyina amrado anim 1 Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa. 2 Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ:Wo na woreka. 3 Na asɔfoɔ mpanin no […]