Luka 13

Asotwe ho asɛnka

1 Saa berɛ no ara na nnipa bi a wɔwɔ hɔ kaa Galileafoɔ a Pilato de wɔn mogya frafraa wɔn afɔdeɛ mu ho asɛm kyerɛɛ no.

2 Na ɔbua see wɔn sɛ:Mosusu sɛ Galileafoɔ yi hunuu saa amaneɛ yi nti na wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ sene Galileafoɔ nyinaa?

3 Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.

4 Anaasɛ nnipa dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ɛkumm wɔn no, mosusu sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfoɔ sene nnipa a wɔte Yerusalem nyinaa?

5 Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.

Borɔdɔma a ɛnso aba

6 Na ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ:Obi wɔ borɔdɔma a wadua wɔ ne bobe turom; na ɔba bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi.

7 Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfoɔ no sɛ: Hwɛ, mfirinhyia mmiɛnsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bie. Twa twene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛne soɔ?

8 Na ɔbua see no sɛ: Owura, ma no nsi hɔ afe yi nso nkɔsi sɛ mɛfunifuni ho na magu aseɛ sumina.

9 Na ebia ɛbɛso; na sɛ anso ansa a, woatwa atwene.

Homeda bi ayaresa

10 Na ɔkyerɛkyerɛɛ hyiadan bi mu homeda.

11 Na hwɛ, na ɔbaa bi wɔ hɔ a ɔwɔ ahoɔmmerɛ honhom mfirinhyia dunwɔtwe, na wapono a ɔntumi ntene ne mu koraa mpo.

12 Na Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔsee no sɛ:Ɔbaa wɔasane wo afiri w’ahoɔmmerɛ mu.

13 Na ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtenee, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ.

14 Na hyiadan no mu panin a ɛyɛɛ no ahi sɛ Yesu saa yadeɛ homeda no bua see nkurɔfokuo no sɛ: Nnansia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ nnipa yɛ adwuma; emu na mommra na wɔnsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda.

15 Na Awurade buaa no sɛ:Nyaatwomfoɔ! Mo mu biara nsane ne nantwie anaa n’afunumu mfiri n’adididaka ho mma no nkɔnom nsuo homeda?

16 Na hwɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfirinhyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsane no firi kyekyerɛ yi mu homeda?

17 Na ɔkaa saa no, n’atamfoɔ no nyinaa ani wuiɛ, na nkurɔfokuo no nyinaa ani gyee animuonyam adeɛ a ɔyɛeɛ no nyinaa nti.

Sinapi aba ne mmɔka ho bɛ

18 Na ɔkaa sɛ:Adeɛ bɛn na Nyankopɔn ahennie sɛ no anaasɛ ɛdeɛn ho na mede bɛtoɔ?

19 Ɛte sɛ sinapi fua a onipa fa kɔduaa wɔ ne turom; na ɛnyinii, na ɛyɛɛ dua, na ewiem nnomaa bɛsisii ne mman so.

20 Na ɔkaa bio sɛ:Ɛdeɛn ho na mede Nyankopɔn ahennie bɛtoɔ?

21 Ɛte sɛ mmɔka a ɔbaa bi fa kɔfetee no esiam nkorokuma mmiɛnsa mu de kɔsii sɛ ne nyinaa kaeɛ.

Ɛpono teateaa no

22 Na ɔnenam nkuro mu ne nkuraa ase rekyerɛkyerɛ, na na ɔnam so rekɔ Yerusalem.

23 Na obi bisaa no sɛ: Awurade, wɔn a wɔbɛgye wɔn yɛ kakraa bi anaa?

24 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu! Na mese mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛne, na wɔrentumi.

25 Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.

26 Ɛnna mobɛfiri aseɛ aka sɛ: Yɛadidi na yɛanom w’anim, na woakyerɛkyerɛ wɔ yɛn mmɔntene so pɛn.

27 Na ɔbɛka sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire. Momfiri me so, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa!

28 Ɛhɔ na mobɛsu atwɛre mo se sɛ mohunu Abraham, Isak ne Yakob ne adiyifoɔ no nyinaa Nyankopɔn ahennie mu, na mo deɛ, wɔapam mo afiri mu.

29 Na wɔbɛfiri apueeɛ, atɔeɛ, atifi ne anafoɔ aba abɛtena adidiiɛ Nyankopɔn ahennie mu.

30 Na hwɛ, akyikafoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛdi kan, na adikanfoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛka akyire.

Herode Antipa

31 Dɔn no ara mu na Farisifoɔ bi ba bɛsee no sɛ: Firi ha kɔ! Na Herode repɛ wo aku wo.

32 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ: Hwɛ, metu ahonhommɔne, na mesa yadeɛ nnɛ ne ɔkyena, ne n’adekyeeɛ na mawie.

Yesu twa Yerusalem ho adwo

33 Nanso ɛsɛ sɛ menante nnɛ ne ɔkyena ne n’adekyeeɛ; na ɛnni ho kwan sɛ odiyifoɔ bi bɛtɔ baabi, gye Yerusalem.

34 O Yerusalem, Yerusalem a wokum adiyifoɔ na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe nie a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban aseɛ, nanso moampɛ.

35 Hwɛ, wɔbɛgya mo fie fituo ama mo. Na mese mo sɛ: Morenhu me, gye da a ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

11 + 3 =