1 Berɛsosɛm 1

Ɛfiri Adam so de kɔsi Abraham so 1 Adam, Set, Enos, 2 Kenan, Mahalalel, Yared, 3 Hanok, Metusela, Lamek, 4 Noa, Sem, Ham ne Yafet. 5 Yafet mma ne: Gomer, Magog, Madai, Yawan, Tubal, Mesek ne Tiras. 6 Gomer mma ne: Askenas, Difat ne Togarma. 7 Na Yawan mma ne: Elisa, Tarsis, Kitim ne Rodanim. […]

1 Berɛsosɛm 5

Ruben asefoɔ 1 Israel abakan Ruben mma, (na anka ɔno ne abakan deɛ, nanso ɛnam sɛ ɔne n’agya mpena daeɛ nti, wɔde n’abakanyɛ maa Israel ba Yosef mma no, nanso wɔantwerɛ wɔn abakanyɛ anatoɔ mu. 2 Na Yuda ho yɛ den ne nuanom mu, na ɔbapɔmma firii ne mu deɛ, nanso abakanyɛ no danee Yosef […]

1 Berɛsosɛm 7

Yakob mma a wɔaka no asefoɔ 1 Na Isakar mma ne: Tola, Pua, Yasub ne Simron, wɔyɛ baanan. 2 Na Tola mma ne: Usi, Refaia, Yeriel, Yahmai, Yibsam ne Semuel, wɔn na wɔyɛ Tola mpanimfie atitire, mmarima akofoɔ, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ mu. Dawid berɛ so na wɔn dodoɔ yɛ mpem aduonu mmienu ne ahansia. 3 […]

1 Berɛsosɛm 9

Yerusalemfoɔ 1 Na wɔkan Israel nyinaa twerɛɛ wɔn din sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, na hwɛ, wɔatwerɛ wɔn din wɔ Israel ahemfo nwoma mu. Wɔtuu Yuda kɔduaa Babel, wɔn amumuyɛ nti. 2 Na wɔn a wɔdii kan sane bɛtenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu no ne asɔfoɔ, Lewifoɔ ne asɔrefie asomfoɔ. 3 Na Yerusalem […]