Mika 1

AWURADE bɛba abɛbu wiase atɛn 1 AWURADE asɛm a ɛbaa Moresetni Mika nkyɛn, Yuda ahemfo Yotam, Ahas ne Hesekia berɛ soɔ no a ɔhunuu no Samaria ne Yerusalem ho nie. 2 Aman nyinaa, montie, asase ne ne mayɛ, monwɛn aso, na Awurade NYANKOPƆN nyɛ ɔdanseni ntia mo, AWURADE a ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu no. 3 […]

Mika 2

Amimfoɔ nnue! 1 Wɔnnue, wɔn a wɔdwene amumuyɛsɛm ne wɔn a wɔsiesie bɔne, wɔn mpa soɔ; anɔpa hann mu wɔyɛ, ɛfiri sɛ ɛwɔ wɔn nsam tumi mu, 2 na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye, ne afie, na wɔfefa, na wɔsi ɔbarima ne ne fie ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem. 3 Enti sɛ AWURADE seɛ […]

Mika 3

Ɔkasa tia ɔman no mu atitire 1 Na mese: Montie ɛ, Yakob atitire ne Israel fie atemmufoɔ, ɛnyɛ mo na ɛsɛ sɛ mohunu atemmuo? 2 Mo na motane papa na modɔ bɔne, modwa wɔn wedeɛ firi wɔn ho, ne wɔn nam firi wɔn nnompe ho, 3 na mo na moadi me man nam, na moaworɔ […]

Mika 4

Wiase bɛdane asomdwoeɛ ahennie 1 Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no AWURADE fie bepɔ no bɛtim hɔ ataa mmepɔ atifi, na wɔama so asene nkokoɔ nyinaa, na aman asene yuu aba so. 2 Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ […]

Mika 5

Deɛ wɔasra no no awoɔ ne n’ahennie 1 Afei bɔ kyenku, wo Sion babaa. Ɔtua yɛn twa yɛn ho hyia. Wɔde abaa bɔ Israel temmufoɔ nnyepi. 2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; […]

Mika 6

AWURADE ne ne man asɛnnie 1 Montie deɛ AWURADE ka ɛ: Sɔre na bɔ wo nkuro wɔ mmepɔ anim, na nkokoɔ ntie wo nne. 2 Mmepɔ ne mo a mowɔ hɔ daa, asase nnyinasoɔ no, montie AWURADE nkurobɔ, na AWURADE ne ne man anya ɔham, na ɔne Israel bɛyi atɛn. 3 Me man, ɛdeɛn na […]

Mika 7

Nnipa pa nnɔɔso 1 Mennue, na mayɛ sɛ nnuabateɛ, sɛ bobe aba mpɛpɛdie, bobe esia a mɛdie, borɔdɔmakan a me kɔn dɔ no bi nni hɔ. 2 Nnipa pa ayera afiri asase so; teefoɔ nni nnipa mu, wɔn nyinaa tetɛ mogya, wɔsunsum wɔn nuanom fidie. 3 Wɔn nsa gu bɔne so sɛ ɛnyɛ yie; ɔsafohene […]