2 Ahemfo 1

Ɔhene Ahasia adebisa 1 Na Ahab wuo akyiri no Moab tee Israel so atua. 2 Na Ahasia firii n’abansoro dan a ɛwɔ Samaria no mpomma mu te hwee fam, na ɔyaree; na ɔsomaa abɔfoɔ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔbisa Ekron nyame Baalsebub, sɛ mɛnya yadeɛ yi mu nkwa anaa? 3 Na AWURADE bɔfoɔ […]

2 Ahemfo 3

Yehoram ne Yehosafat ko tia Moab 1 Na Ahab ba Yehoram bɛdii Israel so hene Samaria, Yudahene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunwɔtwe so; na ɔdii hene mfeɛ dummienu. 2 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne deɛ, nanso na ɛnte sɛ n’agya ne ne na deɛ no; na ɔyii Baal honi a n’agya yɛeɛ no […]

2 Ahemfo 4

Elisa ne ɔbaa kunafoɔ no 1 Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa. 2 Na Elisa bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ memma woɔ? Kyerɛ me […]

2 Ahemfo 5

Naaman ayaresa 1 Na Siriahene sahene Naaman yɛ onipa kɛseɛ wɔ ne wura anim, na ɔwɔ animuonyam, ɛfiri sɛ ɔno so na AWURADE nam gyee Siria; na onipa no yɛ dɔmmarima a ɔtumi ne ho, nso na ɔyare kwata. 2 Na Siria asafo no mu bi akɔto ahyɛ Israelfoɔ so afa abaayewa kumaa bi dommum […]

2 Ahemfo 7

Berɛ pa wɔ Samaria 1 Ɛnna Elisa kaa sɛ: Montie AWURADE asɛm: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɔkyena sɛsɛɛ ayuosiam susuo adeɛ baako bɛdi dwetɛbena, na atokoɔ susuo adeɛ mmienu bɛdi dwetɛbena Samaria kuro pono ano. 2 Ɛnna okunini a ɔhene twere ne nsa soɔ no buaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Hwɛ, sɛ AWURADE reyɛ mpomma […]

2 Ahemfo 8

Elisa ne Sunemni baa no 1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne ba no sɛ: Sɔre kɔ, wo ne wo fie, na kɔyɛ ɔhɔhoɔ baabiara a wobɛtumi, na AWURADE rema ɛkɔm aba, na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson. 2 Na ɔbaa no sɔree yɛɛ sɛdeɛ Nyankopɔn nipa no asɛm no teɛ no, […]

2 Ahemfo 9

Wɔsra Yehu ngo si no Israel so hene 1 Na Odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa ngo toa yi kura wo nsam, na kɔ Ramot-gilead. 2 Na sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu hɔ, na kɔ mu, na ma no nsɔre […]

2 Ahemfo 10

Yehu sɛe Ahab fie 1 Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson wɔ Samaria. Na Yehu twerɛtwerɛɛ nwoma na ɔsoma maa wɔde kɔɔ Samaria kɔmaa Yesreel asafohene, mpanimfoɔ ne Ahab mmagyegyefoɔ no sɛ: 2 Sɛ nwoma yi ka mo nsa a, sɛ mo wura mma wɔ mo nkyɛn na nteaseɛnam ne apɔnkɔ ne nkuro a wɔato ho […]