Luka 20

Ɔman mpanimfoɔ no animguaseɛ

1 Na ɛbaa sɛ da koro bi a ɔrekyerɛkyerɛ ɔman no wɔ asɔrefie, na ɔreka asɛmpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne so,

2 na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Ka tumi ko a wode yɛ nnoɔma yi kyerɛ yɛn, anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi yi?

3 Na ɔbua see wɔn sɛ:Me nso mɛbisa mo asɛm baako na monka nkyerɛ me:

4 Yohane asubɔ no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa?

5 Na wɔdwendwenee sesee wɔn ho sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no annie?

6 Na sɛ yɛka sɛ ɛfiri nnipa a, ɔman no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ; ɛfiri sɛ wɔgye di ampa sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.

7 Na wɔbuaa sɛ, wɔnnim deɛ ɛfire.

8 Na Yesu nso see wɔn sɛ:Me nso menka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.

Akuafoɔ bɔne no

9 Na ɔfirii aseɛ buu ɔman no bɛ yi sɛ:Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔde fɛmm akuafoɔ bi, na ɔgyaa hɔ kɔɔ baabi kɔkyɛree.

10 Na berɛ no duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ wɔmma no bobe turo no mu aba no bi; na akuafoɔ no hwee no maa no nam nsansa kɔe.

11 Na ɔsane somaa akoa foforɔ; na ɔno nso wɔhwee no bɔɔ no adapaa maa no nam nsansa kɔe.

12 Na ɔsomaa deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa; na ɔno nso, wɔpirapiraa no pamm no firii hɔ.

13 Na bobe turo wura no kaa sɛ: Menyɛ dɛn? Mɛsoma me dɔba; ebia wɔbɛfɛre no.

14 Na akuafoɔ no hunuu no no, wɔdwendwenee sesee wɔn ho sɛ: Ɔdedifoɔ no nie; momma yɛnkum no, na apɛgyadeɛ no nyɛ yɛn dea.

15 Na wɔtwee no firii bobe turom hɔ kɔkumm no. Enti ɛdeɛn na bobe turo wura no bɛyɛ wɔn?

16 Ɔbɛba abɛsɛe akuafoɔ yi, na ɔde bobe turo no ama afoforɔ.Na wɔteeɛ no, wɔkaa sɛ: Onyame mpa ngu!

17 Na ɔhwɛɛ wɔn anim kaa sɛ:Na ɛdeɛn ne yei a wɔatwerɛ sɛ:

Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no,

ɛno na abɛyɛ tweaso tiboɔ.

18 Obiara a ɔbɛhwe ɔboɔ no soɔ no, ɔbɛbubu; na deɛ ɛbɛhwe ne soɔ no, ɛbɛpɛkyɛ no.

19 Na Atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔde wɔn nsa kɔsɔ ne mu kye no dɔn no ara mu, nanso wɔsuroo ɔman no; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ɛbɛ a ɔbuiɛ no, ɔne wɔn.

Ɛtoɔyie ho asɛmmisa

20 Na wɔtɛɛ no, na wɔsomaa nsrafoɔ bi a wɔpatu yɛɛ wɔn anim sɛdeɛ wɔyɛ nnipa tenenee, sɛ wɔnkɔpɛ no asɛm, na wɔayi no ahyɛ amrado mmara ne ne tumi nsa.

21 Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wokasa na wokyerɛkyerɛ yie nanso womfɛre obiara anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu.

22 Yɛwɔ ho kwan sɛ yɛyi toɔ ma Kaesare anaasɛ yɛnnyi?

23 Na ɔhunuu wɔn adwemmɔne no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:

24 Momfa denare mmɛkyerɛ me! Hwan mfonini ne atwerɛ na ɛwɔ soɔ yi?Na wɔkaa sɛ: Kaesare deɛ.

25 Na ɔsee wɔn sɛ:Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma Kaesare ne Nyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.

26 Na wɔantumi annya n’asɛm bi ansɔ mu ɔman no anim, na ne mmuaeɛ no yɛɛ wɔn nwanwa, na wɔmuaa wɔn ano.

Owusɔreɛ ho asɛmmisa

27 Na Sadukifoɔ a wɔka sɛ owusɔreɛ nni hɔ no mu bi ba bɛbisaa no

28 sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛn sɛ: Sɛ obi nua wu, na ɔwɔ yere, na wanwo mma a, ne nua no mfa ne yere no nware, na ɔnwo mma mma deɛ wawuo no.

29 Nso anuanom baason tenaa ase. Na deɛ ɔdi kan waree yere, wannya ba, na ɔwuiɛ.

30 Na deɛ ɔtɔ so mmienu

31 ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa waree no; na saa ara na wɔn baason nyinaa waree no, na wɔannya mma, na wɔwuwui.

32 Na akyire yi no, ɔbaa no nso wui.

33 Na afei owusɔreɛ mu no, ɔbɛyɛ wɔn mu hwan yere? Ɛfiri sɛ wɔn baason no aware no.

34 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Wiase yi mma ware, na wɔde wɔn ma awadeɛ;

35 na wɔn a wɔbɛbu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforɔ no ne ɔsɔreɛ a wɔbɛsɔre afiri awufoɔ mu no deɛ, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma awadeɛ.

36 Nso wɔntumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfoɔ, na wɔyɛ Nyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyane mma ntira.

37 Na ɛfa awufoɔ nyaneɛ ho deɛ, Mose nso kyerɛɛ wɔ wura no ho asɛm no mu, sɛ ɔfrɛ Awurade sɛ: Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.

38 Na ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ; ɛfiri sɛ wɔn nyinaa te ase ma no.

39 Na Atwerɛfoɔ no mu bi buaa sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, woaka no yie.

40 Na yei akyiri no, wɔantumi ammisa no asɛm bi bio.

Dawid ba no ne Dawid wura

41 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Adɛn nti na wɔka sɛ: Kristo no yɛ Dawid ba?

42 Na Dawid no ara ka no Nnwom nwoma no mu sɛ:

Awurade see me wura sɛ:

Tena me nifa

43 kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.

44 Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?

Atwerɛfoɔ ho kɔkɔbɔ

45 Na ɔman no nyinaa retie no, na ɔsee asuafoɔ no sɛ:

46 Monhwɛ mo ho yie Atwerɛfoɔ a wɔpɛ ntadeɛ atentene mu nanteɛ, na wɔpɛ edwa mu nkyea ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu, ne mpanimfoɔ tenabea adidie ase no ho;

47 wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛso.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

11 + 11 =