Luka 18

Ɔtemmufoɔ a ɔntene no

1 Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho:

2 Ɔtemmufoɔ bi tenaa kuro bi mu a ɔnsuro Onyankopɔn, nanso ɔmfɛre nnipa.

3 Na okunafoɔ bi nso tenaa kuro no mu, na ɔbaa ne nkyɛn sɛ: Bu atɛn gye me me tamfo nsam!

4 Na wampene maa no kyɛree kakra. Na akyire yi ɔkaa ne tirim sɛ: Mensuro Onyankopɔn na memfɛre nnipa deɛ,

5 nanso okunafoɔ yi ha me nti, mɛbu atɛn mama no, na wamfa ne ba a ɔba ha daa no ammɛdwan me ho.

6 Na Awurade se:Montie deɛ ɔtemmufoɔ a ɔntene yi ka!

7 Na Onyankopɔn, sɛ ɔto ne bo ase kyɛre wɔn ho nso a, ɔremmu atɛn nnye wɔn a wayi wɔn a wɔsu frɛ no awia ne anadwo no anaa?

8 Mese mo sɛ, ɔbɛbu atɛn agye wɔn ntɛm. Nanso Onipa Ba no ba a, anka ɔbɛhunu gyidie asase so?

Farisini ne ɔtogyeni no

9 Na ɔbuu binom a wɔde wɔn ho too wɔn ho soɔ sɛ wɔtene na wɔmmu wɔn a aka no bɛ yi sɛ:

10 Nnipa baanu kɔɔ asɔrefie mpaebɔ; ɔbaako yɛ Farisini, na ɔbaako yɛ ɔtogyeni.

11 Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.

12 Medi mmuada dapɛn mu mprenu, mede deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du mema.

13 Na ɔtogyeni no deɛ, ɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma n’ani so kyerɛ soro mpo, na mmom ɔbɔɔ ne koko so kaa sɛ: Onyankopɔn, hu me debɔneyɛni mmɔbɔ!

14 Mese mo sɛ: Oyi de bem sane kɔɔ ne fie mmom sene ɔbaako no; na obiara a ɔma ne ho soɔ no, wɔbɛbrɛ no ase, na deɛ ɔbrɛ ne ho aseɛ no, wɔbɛma no so.

Yesu hyira mmɔfra

15 Na wɔde nkɔkoaa nso brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn; na asuafoɔ no hunuiɛ no, wɔkaa wɔn anim.

16 Na Yesu frɛɛ mmɔfra no bae, see asuafoɔ no sɛ:Momma mmɔfra no mmra me nkyɛn, na monnsi wɔn kwan! Na yeinom sɛɛ na Nyankopɔn ahennie no wɔ wɔn.

17 Nokorɛ mese mo sɛ, obiara a ɔrennye Nyankopɔn ahennie sɛ abɔfra no, ɔrenkɔ mu koraa.

Daa nkwa

18 Na ɔpanin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya daa nkwa?

19 Na Yesu see no sɛ:Adɛn na wofrɛ me papa? Obiara nyɛ papa gye ɔbaako, ɔne Onyankopɔn.

20 Wonim mmara nsɛm no: Nsɛe awadeɛ! Nni awu! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu! Di w’agya ne wo na ni!

21 Na ɔkaa sɛ: Yeinom nyinaa, mefiri me mmɔfraase na medii soɔ.

22 Na Yesu tee saa no, ɔsee no sɛ:Ɛda so ka wo adeɛ baako, kɔtɔn deɛ wowɔ nyinaa, na kyɛ ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ soro, na bra bɛdi m’akyi!

23 Na ɔtee yei no, ɛyɛɛ no awerɛho sɛ; ɛfiri sɛ na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ.

Ahonyadeɛ mu asiane

24 Na Yesu hwɛɛ no kaa sɛ:Sɛ moahunu den a ɛyɛ ma asikafoɔ ne adefoɔ sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!

25 Na ɛyɛ mmerɛ ma yoma sɛ ɔbɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ ɔdefoɔ bɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu.

26 Na wɔn a wɔteeɛ no kaa sɛ: Ɛnneɛ hwan na wɔbɛtumi agye no nkwa?

27 Na ɔkaa sɛ:Deɛ ɛntumi nyɛ hɔ nnipa fam no, Nyankopɔn fam deɛ, ɛbɛtumi ayɛ hɔ.

Ahopakyire so akatua

28 Na Petro se: Hwɛ, yɛagya ade nyinaa hɔ abɛdi w’akyi.

29 Na ɔsee wɔn sɛ:Nokorɛ mese mo sɛ: Obi nni hɔ a wagya efie anaa yerɛ anaa anuanom anaa awofoɔ anaa mma hɔ Nyankopɔn ahennie nti,

30 na ɔrennya no mmɔho pii ɛberɛ yi mu ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.

Yesu wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa

31 Na ɔfaa dummienu no ka kyerɛɛ wɔn sɛ:Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na nnoɔma a adiyifoɔ no atwerɛ afa onipa ba no ho nyinaa bɛba mu.

32 Na wɔbɛyi no ahyɛ wiase aman sofoɔ nsa, na wɔagoro ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasuo agu ne so,

33 na wɔaka no mpire, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio.

34 Na wɔn deɛ, wɔante yeinom biara ase, na asɛm yi ahunta wɔn, na wɔanhunu deɛ ɔkaeɛ no.

Onifirani bi adehunu

35 Na ɛbaa sɛ ɔrebɛn Yeriko no, na onifirani bi te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ.

36 Na ɔtee sɛ nkurɔfokuo bi retwam no, ɔbisaa aseɛ.

37 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ, Yesu Nasareni no na ɔretwam.

38 Na ɔteaa mu sɛ: Yesu, Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

39 Na wɔn a wɔdi kan no kaa n’anim sɛ ɔmmua n’ano; nanso ɔkɔɔ so teateaa mu denden sɛ: Dawid ba, hu me mmɔbɔ!

40 Na Yesu gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa no mmrɛ no. Na ɔbɛneeɛ no, ɔbisaa no

41 sɛ:Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema woɔ?Na ɔkaa sɛ: Awurade, ma menhunu adeɛ.

42 Na Yesu see no sɛ:Hunu adeɛ! Wo gyidie agye wo.

43 Na amonom hɔ ara, ɔhunuu adeɛ, na ɔdii n’akyi de animuonyam maa Onyankopɔn. Na ɔman no nyinaa hunuiɛ no, wɔde ayeyie maa Onyankopɔn.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

four − one =