Baruk 1

Baruk ne Yudafoɔ a wɔwɔ Babel 1 Yeinom ne nsɛm a ɛwɔ nwoma a Baruk a ɔyɛ Neria ba, a ɔyɛ Maseia ba, a ɔyɛ Sedekia ba, a ɔyɛ Hasadia ba, a ɔyɛ Hilkia ba twerɛeɛ wɔ Babel, 2 wɔ afe a ɛtɔ so nnum, bosome a ɛtɔ so nson, ɛberɛ a Kaldeafoɔ faa Yerusalem […]

Baruk 2

1 Ɛno nti Awurade yɛɛ deɛ na ɔde hunahuna yɛn wɔ kasa a na ɔkasa kyerɛ yɛn no ho. Ɔka tiaa yɛn atemmufoɔ a wɔdii Israel soɔ no, ɔka tiaa yɛn ahemfo ne mmapɔmma a wɔwɔ Israel ne Yuda no. 2 Ɔsoro ase nyinaa no, adeɛ a ɔde ayɛ Yerusalem no bi nsii baabiara da, […]

Baruk 3

1 O Awurade Tumfoɔ, Israel Nyankopɔn, ɔkra a ne ho dwane no ne honhom a wabrɛ resu frɛ wo. 2 O Awurade, tie na hu yɛn mmɔbɔ, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne wɔ w’anim. 3 Wo na wodi hene daa, na yɛn deɛ yɛreyera afebɔɔ. 4 O Awurade Tumfoɔ, Israel Nyankopɔn, afei tie ɔman Israel mpaebɔ, […]

Baruk 4

1 Ɔno ne nwoma a Onyankopɔn mmara wɔ mu, ne mmara a ɛwɔ hɔ daa. Wɔn a wɔsɔ ne mu dendeenden no bɛtena ase, na wɔn a wɔpo no no bɛwu. 2 O Yakob, san bɛfa no; nante bra ne kanea a ɛrehyerɛn no ho. 3 Mfa w’animuonyam mma ɔfoforɔ, anaasɛ mfa wo mfasoɔ mma […]

Baruk 5

1 O Yerusalem, yi w’awerɛhoɔ ne w’amanehunu atadeɛ gu, na fa animuonyam fɛfɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ no hyɛ. 2 Fa tenenee atadeɛ a ɛfiri Onyankopɔn hyɛ; fa mmerɛ santenni animuonyam abotire hyɛ, 3 ɛfiri sɛ Onyankopɔn de w’ahoɔfɛ bɛkyerɛ wɔ wi yi ase baabiara. 4 Na Onyankopɔn bɛma wo din a ɛbɛtena hɔ daa, […]

Baruk 6

1 Nhwɛsoɔ krataa a Yeremia twerɛ kɔmaa wɔn a Babel hene faa wɔn kɔtenaa Babel sɛ atukɔfoɔ, sɛ ɔde asɛm a Onyankopɔn ahyɛ no no rebɛma wɔn. Ɔman no kɔ dommum mu a ɛbɛkyɛre 2 Ɛsiane bɔne a moayɛ wɔ Onyankopɔn anim no nti, Babelhene Nebukadnessar bɛfa mo akɔ Babel sɛ atukɔfoɔ. 3 Saa nti […]