Ester 1

Wɔtu Ɔhemmaa Wasti adeɛ so 1 Na Akas-weros berɛ so, — Akas-weros a na ɔdi hene firi India de kɔsi Etiopia, amantam ahodoɔ ɔha aduonu nson so, — 2 ɛberɛ a na Ɔhene Akas-weros te n’ahennwa a ɛwɔ Susa abankɛseɛ mu no soɔ, 3 n’ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, ɔtoo ne mmapɔmma […]

Ester 2

Wɔde Ester si ɔhemmaa 1 Nsɛm yi akyiri a Ɔhene Akas-weros abufuo no ano dwoeɛ no, ɔkaee Wasti ne deɛ ɔyɛeɛ ne deɛ wɔahyɛ atia no no. 2 Na ɔhene asomfo a wɔsom no no kaa sɛ: Ma wɔnhwehwɛ mmaabunu a wɔn ho yɛ fɛ mma ɔhene, 3 na ɔhene nsisi ahwɛfoɔ n’ahennie nsase nyinaa […]

Ester 3

Haman pam Yudafoɔ tiri so 1 Nsɛm yi akyiri no, Ɔhene Akas-weros yɛɛ Agagni Haman a ɔyɛ Hamedata ba no kɛseɛ, na ɔmaa no so, na ɔmaa n’adwa so senee mmapɔmma a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa deɛ. 2 Na ɔhene nkoa a wɔte ɔhene ponkɛseɛ mu nyinaa koto sɔree Haman, ɛfiri sɛ saa […]

Ester 4

Yudafoɔ awerɛhoɔ ne mmuadadie 1 Na Mordekai hunuu deɛ aba no nyinaa no, Mordekai sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma ne nso kataa ne ho; na ɔfirii adi kɔɔ kuro no mfimfini, na ɔsuu esu denden. 2 Na ɔkɔɔ ɔhene ponkɛseɛ anim; nso na obiara nni ho kwan sɛ ɔfira ayitoma de hyɛne ɔhene […]

Ester 5

Ester kɔ ɔhene anim 1 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Ester hyɛɛ ɔhemmaa atadeɛ, na ɔkɔgyinaa ahemfie emu fam abannwa so, ɔhene dan no ntentensoɔ. Na ɔhene no te n’ahennwa so wɔ ahemfie, efie no pono ano ntentensoɔ. 2 Na ɛbaa sɛ ɔhene no hunuu Ɔhemmaa Ester sɛ ɔgyina abannwa soɔ no, ɔnyaa […]

Ester 6

Wɔhyɛ Haman sɛ ɔnni Mordekai ni 1 Anadwo no ɔhene anna, na ɔkaa sɛ wɔmfa berɛsosɛm nkaeɛ nwoma no mmra. Na wɔbɛkenkann no ɔhene anim. 2 Na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ Mordekai na ɔbɛkaa Bigtana ne Teres, ɔhene mpiafoɔ baanu a wɔhwɛ ɛpono ano a wɔpɛɛ sɛ wɔkum Ɔhene Akas-weros no ho asɛm no. 3 […]

Ester 7

Wɔsɛne Haman 1 Na ɔhene ne Haman baa sɛ wɔne Ɔhemmaa Ester rebɛnom nsa. 2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ester da a ɛtɔ so mmienu no mu nso apontoɔ no ase sɛ: Ɛdeɛn ne w’adesrɛ, Ɔhemmaa Ester, na wɔmma wo, na ɛdeɛn ne w’adeɛ a worehwehwɛ? Ɛduru ahennie no fa mpo a, wɔbɛyɛ. 3 Ɛnna […]

Ester 8

Wɔma Mordekai so 1 Da no ara na Ɔhene Akas-weros de Haman, Yudafoɔ tamfo no, fie maa Ɔhemmaa Ester. Na Mordekai baa ɔhene no anim, ɛfiri sɛ na Ester aka sɛdeɛ ɔne no ntam teɛ no. 2 Na ɔhene no yii ne pɛtea a ɔgyee no Haman nsam no de maa Mordekai. Na Ester de […]

Ester 9

Yudafoɔ nkwagyeɛ ne wɔn aweretɔ 1 Na bosome a ɛtɔ so dummienu a ɛne bosome Adar no da a ɛtɔ so dummiɛnsa no a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu sɛ wɔdi soɔ no, da no ara a Yudafoɔ atamfoɔ ani daa so sɛ wɔbɛdi Yudafoɔ so no danee sɛ Yudafoɔ no mmom na […]

Ester 10

Mordekai kɛseyɛ 1 Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so. 2 Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛɛ ne Mordekai kɛseɛ a ɔhene no maa no yɛeɛ no ho nsɛm no, wɔantwerɛ no Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu? 3 Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi […]