Luka 1

Nhyɛnmu 1 Ɛsiane sɛ nnipa pii afa ato wɔn ho so sɛ wɔbɛkyerɛ nsɛm a aba mu wɔ yɛn ntɛm no nnidisoɔ nnidisoɔ, 2 sɛdeɛ wɔn a wɔfiri mfitiaseɛ de wɔn ani hunuiɛ na wɔyɛɛ asɛm no ho asomfoɔ no de abrɛ yɛn no nti, 3 Onimuonyamfoɔ kɛse Teofilo, ɛyɛɛ me sɛ, ɛyɛ sɛ me […]

Luka 2

Yesu awoɔ 1 Nna no mu no, mmara bi firi Kaesare Augusto nkyɛn baa sɛ wɔnkan wiasefoɔ nyinaa, ntwerɛ wɔn din. 2 Yei ne ɔkan a ɛdi kan berɛ a na Kirenio yɛ Siria amrado no. 3 Na nnipa nyinaa kɔɔ wɔn kurom kɔtwerɛɛ wɔn din. 4 Na Yosef nso firii Nasaret a ɛwɔ Galilea […]

Luka 3

Osuboni Yohane asɛnka 1 Na Kaesare Tiberio ahennie afe a ɛtɔ so dunum mu no, na Pontio Pilato di Yudea amrado, na Herode di Galilea mansinihene, na ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti asase so, na Lisania di Abilene mansinihene, 2 na Hana ne Kaiafa yɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn asɛm baa Sakaria ba […]

Luka 4

Yesu sɔhwɛ 1 Na Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sane firii Yordan ho, na Honhom no de no kɔɔ ɛserɛ so. 2 Na ɔbonsam sɔɔ no hwɛe adaduanan. Nso nna no mu no, wanni hwee; na ɔwieeɛ no, ɛkɔm dee no. 3 Na ɔbonsam ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba […]

Luka 5

Asuafoɔ no frɛ 1 Na ɛbaa sɛ nkurɔfokuo no kyeree ne so sɛ wɔrebɛtie Nyankopɔn asɛm no, na ɔgyina Genesaret tadeɛ no ho; 2 na ɔhunuu akodoɔ mmienu sɛ ɛsisi ɔtadeɛ no ho, na apofofoɔ no afiri mu rekɔhohoro wɔn asau. 3 Na ɔkɔɔ ɔkodoɔ no baako a ɛyɛ Simon dea mu srɛɛ no sɛ […]

Luka 6

Homeda sɛeɛ 1 Na ɛbaa sɛ homeda bi ɔkɔfaa aburoofuo bi mu, na n’asuafoɔ no pempanee mmɛtem no bi, na wɔposae wɔ wɔn nsa mu wee. 2 Na Farisifoɔ mu binom bisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ deɛ ɛnni ho kwan sɛ wɔyɛ no homeda? 3 Na Yesu bua see wɔn sɛ:Monkenkanee deɛ ɛkɔm dee […]

Luka 7

Akoa bi ayaresa 1 Na ɔwiee ne nsɛm nyinaa ka wɔ nkurɔfoɔ no aso mu no, ɔkɔhyɛnee Kapernaum. 2 Na asraafoɔ ɔha so panin bi akoa a ɔsom bo ma no yare, na ɔreyɛ awu. 3 Na ɔtee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafoɔ mpanimfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ ɔmmra mmɛsa n’akoa no yadeɛ. […]

Luka 8

Asɛnka 1 Na ɛbaa sɛ yei akyiri no, ɔkɔfaa nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa kyerɛe, na dummienu no ka ne ho, 2 ne mmaa bi a wasa wɔn ahonhommɔne ne ahoɔmmerɛ, wɔn ne Maria a wɔfrɛ no Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no 3 ne Yohana, Herode […]

Luka 9

Yesu soma asuafoɔ dummienu no 1 Na ɔfrɛɛ dummienu no hyiae, maa wɔn ahonhommɔne nyinaa ne ayaresa so tumi ne ahoɔden. 2 Na ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka Nyankopɔn ahennie ho asɛm, na wɔnsa yadeɛ. 3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔ anaa aduane anaa sika anaa ntadeɛ mmienu mmienu. […]

Luka 10

Asɛmpakafoɔ aduɔson no 1 Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔsonbio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ. 2 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:Otwa adwuma no so, na adwumayɛfoɔ no deɛ, wɔsua; enti monsrɛ otwa no wura no, na ɔntu adwumayɛfoɔ mmra ne twa no […]