Mmebusɛm 1

Nyansa frɛ 1 Israelhene Salomo, Dawid ba no mmebusɛm nie: 2 Sɛ nnipa mfa nhunu nyansa ne nkyerɛkyerɛ, sɛ wɔmfa nhunu nhunumu nsɛm mu; 3 sɛ wɔmfa nnye nimdeɛ nkyerɛkyerɛ, tenenee, atemmuo ne adeɛ a ɛtene; 4 sɛ wɔmfa nkyerɛ ntetekwaa aniteɛ, aberanteɛ nso nimdeɛ ne adwempa: 5 Na onyansafoɔ ntie, na ne nimdeɛ nnɔɔso, […]

Mmebusɛm 2

Nyansahunu mu nhyira 1 Me ba, sɛ wotie me nsɛm, na wode me mmara nsɛm sie wo nkyɛn, 2 sɛ wobɛyɛ aso atie nyansa, na woakom w’akoma ama nteaseɛ, 3 aane, sɛ wosu frɛ nhunumu, na woma wo nne so frɛ nteaseɛ, 4 sɛ wohwehwɛ n’akyiri kwan sɛ dwetɛ, na wobɔre hwehwɛ no sɛ akoradeɛ […]

Mmebusɛm 3

Nyankopɔn ho suro ne nyansa mu mfasoɔ 1 Me ba, mma wo werɛ mmfiri me mmara, na ma w’akoma nni me mmara nsɛm so; 2 ɛfiri sɛ onyinkyerɛ, nkwa mfeɛ ne asomdwoeɛ na ɛde bɛka wo ho. 3 Mma adɔeɛ ne nokorɛ nnnyaa wo; fa kyekyere wo kɔn, twerɛ no w’akoma pono so. 4 Ɛnna […]

Mmebusɛm 6

Akagyinamdie ho kɔkɔbɔ 1 Me ba, sɛ wogyina wo yɔnko akyi, sɛ wodi ɔhɔhoɔ agyinamu, 2 sɛ wɔnam w’anomu asɛm so akye wo a, 3 yɛ yei mmom, me ba, na yi wo ho, ɛfiri sɛ woatɔ wo yɔnko nsam; kɔ kɔkoto, na srɛ wo yɔnko no. 4 Mma nna nnkɔ w’ani so, na mma […]

Mmebusɛm 9

Nyansa frɛ 1 Nyansa asi ne dan, wasene n’adum nson; 2 wakum ne mmoa, wafra ne nsa, na wasiesie ne pono nso; 3 wasoma ne mmaawa, ɔkɔteam kuro mu sorɔnsorɔmmea so sɛ: 4 Deɛ ɔyɛ atetekwaa mmane ha! na deɛ ɔnni tire no, ɔse no sɛ: 5 Mommra mmɛdi m’aduane no bi, na monnom me […]

Mmebusɛm 10

Nhyira ne nnome 1 Salomo mmebusɛm. Ɔba nyansafoɔ ma n’agya ani gye, na ɔba kwasea yɛ ne na awerɛhoɔ. 2 Ɔbɔnefoɔ akoradeɛ nyɛ mfasoɔ biara, na tenenee gye onipa firi owuo mu. 3 AWURADE mma ɛkɔm nne ɔteneneeni kra, na abɔnefoɔ adepɛ deɛ, ɔka gu. 4 Ohia bɛhia deɛ ɔtwentwɛn ne nsa aseɛ, na nsiyɛfoɔ […]