Adiyisɛm 3

Sardi nwoma

1 Na Sardi asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na deɛ ɔwɔ Nyankopɔn ahonhom nson ne nsoromma nson no seɛ: Menim wo nnwuma, sɛ wowɔ din sɛ wote aseɛ, nanso woawuo.

2 Nyane, na hyɛ nkaeɛ a ɛrebɛwuo no den. Na menhunuu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.

3 Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.

4 Nanso wowɔ nnipa kakraa bi a wɔnguu wɔn ntadeɛ ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnante ntadeɛ fitaa mu, ɛfiri sɛ wɔfata.

5 Deɛ ɔdi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atadeɛ fitaa saa, na merempepa ne din mfiri nkwa nwoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfoɔ anim.

6 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no.

Filadelfia nwoma

7 Na Filadelfia asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ:

Sɛɛ na ɔkronkronni, ɔnokwafoɔ no,

deɛ ɔkura Dawid safoa,

na ɔhini na obi nto mu,

na ɔto mu, na obi nhini no, seɛ:

8 Menim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɛpono a wɔahini masi w’anim a obi ntumi nto mu, ɛfiri sɛ wowɔ ahoɔden ketewa bi, na woadi m’asɛm so, na woampa me din.

9 Hwɛ, mede ebinom a wɔfiri Satan hyiadan mu, a wɔka sɛ wɔyɛ Yudafoɔ, na wɔnyɛ, na mmom wɔdi atorɔ no mema. Hwɛ, mɛma wɔaba na wɔabɛkoto wo nan ase, na wɔahunu sɛ madɔ wo.

10 Ɛsiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm soɔ nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ berɛ a ɛbɛba wiase nyinaa soɔ, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase soɔ ahwɛ no, mu.

11 Mereba ntɛm; sɔ deɛ wowɔ no mu, na obi annye w’abotire.

12 Deɛ ɔdi nkonim no, mɛyɛ no fadum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfiri adi bio, na mɛtwerɛ me Nyankopɔn din wɔ ne so, ne me Nyankopɔn kuro a ɛyɛ Yerusalem foforɔ, a ɛfiri soro ba fam firi me Nyankopɔn nkyɛn no din, ne me din foforɔ no.

13 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.

Laodikea nwoma

14 Na Laodikea asafo mu bɔfoɔ no, twerɛ kɔma no sɛ: Sɛɛ na Amen, ɔdanseni a ɔsɛ sɛ wɔgye no die na ɔyɛ ɔnokwafoɔ no, Nyankopɔn abɔdeɛ farebae no seɛ:

15 Menim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwunu na wonyɛ hyeɛ. Sɛ woyɛ nwunu anaa hye a, anka ɛyɛ.

16 Na afei deɛ, ɛnam sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyeɛ anaa nwunu nti, mɛfe wo mafiri m’anomu.

17 Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani.

18 Metu wo fo sɛ, tɔ me nkyɛn sika a wɔabere ho ogya mu, na woanya ahonya ne atadeɛ fitaa, na woahyɛ, na w’adagya ahohora anna adi, ne aniduro a wode bɛsra w’ani, na woahunu adeɛ.

19 Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!

20 Hwɛ, megyina ɛpono ano na mebɔ mu. Sɛ obi bɛtie me nne na wahini ɛpono no a, mɛhyɛne mu maba ne nkyɛn, na me ne no abɛdidi, na ɔne me nso adidi.

21 Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.

22 Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

16 − three =