2 Berɛsosɛm 11

Semaia Nkɔmhyɛ 1 Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaa Yuda ne Benyamin fiefoɔ no nyinaa ano hyiae, nnipa a wɔayi wɔn akofoɔ mpemha aduɔwɔtwe, sɛ ɔne Israel rekɔko na wɔadane ahennie no ama Rehoboam. 2 Na AWURADE asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ: 3 Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Israelfoɔ a […]

2 Berɛsosɛm 1

Salomo bisa AWURADE hɔ nyansa 1 Na Dawid ba Salomo hyɛɛ ne ho den n’ahennie ho, na AWURADE dii n’akyi na ɔmaa no soo kɛseɛ pa ara. 2 Na Salomo kasa kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mpem mpem ne ɔha ha so asafohene ne atemmufoɔ ne Israel nyinaa so mmapɔmma a wɔyɛ agyanom atitire no nyinaa. 3 […]

2 Berɛsosɛm 2

Asɔrefie no sie ho ahoboaboa 1 Na Salomo bɔɔ ne tirim sɛ, ɔbɛsi efie ama AWURADE din, ne n’ahennie. 2 Na Salomo kann nnesoafoɔ mpemaduɔson ne bepɔ so abopaefoɔ mpemaduɔwɔtwe ne wɔn so ahwɛfoɔ mpensa ahansia. 3 Na Salomo soma maa wɔkɔɔ Tirohene Huram nkyɛn sɛ: Sɛdeɛ wo ne m’agya Dawid yɛeɛ, na wobrɛɛ no […]

2 Berɛsosɛm 3

Asɔrefie sie no mfitiaseɛ 1 Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ. 2 Na ɔfirii aseɛ sii no bosome a ɛtɔ so mmienu n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu. 3 Na yei ne fapem a […]

2 Berɛsosɛm 4

Asɔrefie ho nnoɔma no yɛ 1 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, ne ntwemu, basafa aduonu, na ne trɛ, basafa aduonu, na ne korɔn, basafa du. 2 Na ɔyɛɛ dwaresɛn no kurukuruwa. Ɛfiri ano kɔsi ano yɛ basafa du. Na basafa nnum ne ne korɔn, na basafa aduasa homa twa ho hyia. 3 Na ntoa nsɛsoɔ […]

2 Berɛsosɛm 5

Asɔrefie no dwira 1 Na wɔwiee adwuma a Salomo yɛ maa AWURADE fie no nyinaa. Na Salomo de n’agya Dawid akronkronneɛ no bae, na ɔde dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ no nyinaa bɛsiee Nyankopɔn fie akoradeɛ no mu. Wɔde Apam Adaka no ba Asɔrefie hɔ 2 Ɛnna Salomo boaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo no atitire […]