Nehemia 1

Nehemia awerɛhoɔ ne ne mpaebɔ 1 Hakalia ba Nehemia nsɛm nie. Na bosome Kislewmu, afe a ɛtɔ so aduonu a mewɔ Susan aban mu no, 2 Hanani, me nuanom mu baako, ne mmarima bi a wɔfiri Yuda bae. Na mebisaa wɔn Yudafoɔ a wɔfirii mu firiiɛ, a wɔkaa nnommumfa no mu no ne Yerusalem ho […]

Nehemia 2

Nehemia akwannya ne ne tumi 1 Na Ɔhene Artasasta afe a ɛtɔ so aduonu, bosome Nisanmu no, na nsa si n’anim, na memaa nsa no so de maa ɔhene no. Nso na menyɛɛ m’anim mmɔbɔmmɔbɔ da. 2 Na ɔhene bisaa me sɛ: Ɛfiri deɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ sɛɛ, na wonyareɛ nso? Yei nyɛ […]

Nehemia 3

Ɔfasuo no toɔ mfitiaseɛ 1 Na Ɔsɔfopanin Eliasib ne ne nuanom asɔfoɔ no sɔree na wɔsii Nnwan Pono no. Wɔdwiraa ho na wɔsisii n’apono no. Wɔyɛɛ no kronkron firii Ɔha Abantenten no ho de kɔsii Hananeel Abantenten no ho. 2 Na Yeriko mmarima sii deɛ ɛtoa soɔ, na Imri ba Sakur nso sii deɛ ɛtoa […]

Nehemia 4

1 Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo hurui na ɔnyaa abufuo pii pa ara, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛw. 2 Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ […]

Nehemia 5

Obiara mfa ne ka nni 1 Na ɔman no ne wɔn yerenom nteamu kɛseɛ sɔre tiaa wɔn nuanom Yudafoɔ no, 2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa. 3 Na ebinom nso se: Yɛde yɛn mfuo ne yɛn bobe […]

Nehemia 6

Atamfoɔ no taa 1 Na Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no tee sɛ mato ɔfasuo no na tokuro biara nni mu bio no, (nanso berɛ no mu na mensisii apono no, kuro apono no ano), 2 Sanbalat ne Gesem soma maa wɔbaa me nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnhyia wɔ nkuraa a ɛwɔ […]

Nehemia 7

Wɔyii kuro no awɛmfoɔ 1 Na ɛbaa sɛ wɔtoo afasuo no, na mesii apono no, wɔhyehyɛɛ apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ ne Lewifoɔ. 2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree, 3 na mesee wɔn […]

Nehemia 8

Mmara no kenkan 1 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no […]

Nehemia 9

Ɔman no ahonu 1 Na bosome yida a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma. 2 Na Israelfoɔ no tee wɔn ho firii ananafoɔ mma nyinaa ho, na wɔgyinaa hɔ kekaa wɔn bɔne ne wɔn agyanom amumuyɛ no. 3 Na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn gyinabea, […]

Nehemia 10

Wɔti Nyankopɔn apam mu 1 Na wɔn a wɔsɔɔ ano ne: Amrado Nehemia, Hakalia ba, ne Sedekia, 2 Seraia, Asaria, Yeremia, 3 Pasur, Amaria, Malkia, 4 Hatus, Sebania, Maluk, 5 Harim, Meremot, Obadia, 6 Daniel, Gineton, Baruk, 7 Mesulam, Abia, Miyamin, 8 Maasia, Bilgai, Semaia; yeinom ne asɔfoɔ no; 9 ne Lewifoɔ: Asania ba Yesua, […]