Obadia 1

1 Obadia anisoadehunu nie. Sɛ Awurade NYANKOPƆN ka no Edom ho nie: Yɛate AWURADE anomu asɛm sɛ wasoma abɔfoɔ ma wɔakɔ amanaman mu sɛ: Monsɔre, momma yɛnsɔre ntia Edom ne no nkɔko. 2 AWURADE ka kyerɛɛ Edom sɛ: Hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa, wɔabu wo animtia pa ara. 3 W’akoma ahantan adaadaa wo, wo […]